Yɛ Akwampaefo Boafo wɔ December ne January Mu
1 Eye sɛ yɛn nyinaa bebisa yɛn ho sɛ: ‘Mɛyɛ hann kurafo akodu he wɔ December ne January mu? So metumi ayɛ akwampaefo boafo?’—Mat. 5:14, 16.
2 Mmofra a wɔabɔ wɔn asu taa nya bere foforo a wɔmfa nkɔ sukuu ka nea wɔwɔ no ho wɔ nnapɔnna bere no mu. Awofo bi ne adawurubɔfo afoforo a wɔanyin betumi ne eyinom abom ayɛ adwuma wɔ asɛnka adwuma a wɔtrɛw mu mu wɔ ɔsram no mu. Nnipa pii a wɔyɛ bere nyinaa honam adwuma nso benya bere foforo de ayɛ nkwagye ɔsom adwuma yi bi.
3 Tumi a yebetumi asom sɛ akwampaefo aboafo no mu ade titiriw ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛbɔ mmɔden a ehia no. (Luka 13:24) Sɛ yɛhyehyɛ yɛn dwumadi, a abusua ne asafo no mu nneɛma ka ho no yiye a, yebetumi anya bere ma enti yebetumi anya anigye a ɛne som a yɛsom sɛ akwampaefo aboafo.
4 So wubetumi atrɛw wo som adwuma mu wɔ asram abien a ɛne December ne January mu? Saa a wobɛyɛ no betumi aboa ma woanya ahotoso kɛse wɔ afie mu, na nea ebefi mu aba ne sɛ wubenya osuahu ahorow a ɛma denhyɛ. Wonam saayɛ so betumi anya anigye kɛse.—Aso. 20:35.