Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/93 kr. 4
  • Nnwinnade a Ɛho Hia a Yɛde Bedi Dwuma Nyansam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnwinnade a Ɛho Hia a Yɛde Bedi Dwuma Nyansam
  • Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sankɔhwɛ Tiawa a Etu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Fa Nhoma Afoforo Toa Nkratawa no So
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • To Nhyɛase wɔ Wo Nsrahwɛ a Edi Kan Mu
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Fa Nkratawa Da Onipa a Ɔsen Biara Nhoma no Adi
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1993
km 2/93 kr. 4

Nnwinnade a Ɛho Hia a Yɛde Bedi Dwuma Nyansam

1 Sɛ wudi adanse wɔ afie afie a, ɛsɛ sɛ wode yɛ wo botae sɛ wode Bible no ne nnwinnade afoforo a ɛho hia bedi dwuma ne ofiewura biara abɔ Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔ pa. (Fa toto 2 Korintofo 6:1; 2 Timoteo 2:15 ho.) Dɛn na mo asasesin no mu nnipa dwen ho nnansa yi? So sikasɛm ne abusua asetra a ɛresɛe no haw wɔn? Nsɛm abien yi mu biara ho nnianim nsɛm kakraa bi betumi ama moabɔ Bible mu nkɔmmɔ pa.

2 Wubetumi aka sɛ:

◼ “Wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no, ɛreyɛ den ama nnipa pii sɛ wobetumi ahwɛ wɔn ho. So wususuw sɛ nnipa nniso horow bedi yɛn sikasɛm mu ɔhaw ahorow ho dwuma wɔ ɔkwan a obiara ani begye ho so? [Tie mmuae no.] M’ankasa hui sɛ adwene yi hyɛ nkuran yiye . . . ”

3 Afei wubetumi akenkan Dwom 72:12-14 na wode nkɔmmɔbɔ no aba awiei denam kyerɛw nsɛm afoforo a wobɛpaw afi nea ɛwɔ Reasoning nhoma no nkratafa 154-5 no mu no so. Anaa, sɛ mokenkan kyerɛwsɛm biako wiei a, wubetumi atwe adwene asi Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu kratawa no mu nkyekyem bi so. Adawurubɔfo pii—a mmofra ka ho—refi Bible adesua ahorow ase wɔ nkratawa yi biako mu denam nkyekyem bi a wɔkenkan na afei wobisa ofiewura no adwene wɔ nea wɔkenkan no ho no so.

4 Mmeae bi no, ebia wobɛpɛ sɛ wofa ɔkwan yi so:

◼ “Nnipa pii bɛpɛ sɛ wɔsan de mmusua ho tete gyinapɛn ahorow di dwuma. So wususuw sɛ ankorankoro biara na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ nea ɛsɛ sɛ saa gyinapɛn ahorow no yɛ anaa ɛsɛ sɛ yenya gyinapɛn biako ma obiara? [Twɛn ma ommua.] Nnipa pii gye tom sɛ sɛ wodi Bible afotu a nyansa wom no akyi a, abusua asetra bɛyɛ papa yiye.”

5 Sɛ wudu ha a, wubetumi ada ɔsomafo no nsɛm a ɛwɔ Kolosefo 3:12-14 no adi na moasusuw ho, anaa wobɛbɔ mmɔden de Nya Abusua Asetra Mu Anigye kratawa no mu asɛmti ketewaa, “Ɔkwan Bɛn na Wofa So a, Wubedi Nkonim?” ase hɔ nsɛm no afi ofie Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu.

6 Sɛ ofiewura no da anigye adi a, da mfaso a ɛwɔ Asafo ti no nhoma a ekura nkratafa 192 no biako a wode redi dwuma wɔ ɔsram no mu no so adi kyerɛ no. Fa nnwinnade afoforo a ɛho hia no di dwuma nyansam denam kratawa, nsɛmma nhoma, anaa brochure bi mu asɛm bi a ɛfata a wobɛka no so.

7 Sɛ wutumi fi adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu a, hyɛ da yɛ nhyehyɛe pɔtee kɔtoa nkɔmmɔbɔ no so akyiri yi. Wubetumi ato nhyɛase ama wo nsrahwɛ a edi hɔ no denam ofiewura no a wobɛka akyerɛ no sɛ, sɛ wosan ba a, wobɛpɛ sɛ wubua asɛm a wɔtaa bisa sɛ: “Dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan?” no so. Ase hɔ asɛm no bɛkyerɛ sɛnea wubetumi anwene asɛm no wɔ sankɔhwɛ no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena