Kamfo Yehowa Abakan No!
1 Kwasida, Nisan 9, 33 Y.B. no, nnipadɔm bebree a wokurakura berɛw kamfoo Yehowa Abakan, Awurade Yesu Kristo, sɛ “Ɔhene a ɔnam [Yehowa] din mu reba no!” (Luka 19:38; Heb. 1:6) Dwoda ne Benada a na ɛyɛ Nisan 10 ne 11 no, Yesu yɛɛ ne som adwuma no denneennen de maa saa nna a etwa to no yɛɛ mmere a ɔyɛɛ adwuma kɛse sen biara wɔ n’asase so asetra mu no biako.
2 Ɛnnɛ, nnipadɔm a wɔdɔɔso sen saa mpo a wokurakura sɛnkyerɛnne kwan so berɛw de nne kɛse teɛm sɛ: “Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne oguammaa no dea.” (Adi. 7:9, 10) Yebehyiam akae Yesu wu no March 26. Bere a saa da no rebɛn no, so yebetumi ayere yɛn ho ayɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu na yɛnam saayɛ so ama ayeyi a wɔde ma wɔ wiase nyinaa yi ayɛ kɛse?
3 Yɛ Asɛnka Adwuma no Kɛse: Adawurubɔfo pii abisa dedaw sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo wɔ March mu. So wobɛpɛ sɛ wo ne wɔn yɛ? Sɛ saa a, fa w’akwammisa krataa ma ntɛm ara. Mpanyimfo no mu biako ani begye sɛ obebua nsemmisa biara a ebia wowɔ wɔ adwuma no ho.
4 Sɛ́ ebia wubetumi asom sɛ akwampaefo boafo anaa wuntumi no, wobɛpɛ sɛ wunya ɔsom adwuma no mu kyɛfa kosi ase wɔ March mu. Ebia asafo no betumi ayɛ nhyehyɛe ma moakɔ kuw adansedi da biara wɔ ɔsram no mu. Ɛsɛ sɛ wɔpaw asasesin a ɛsõ to hɔ ma saa dwumadi no.
5 Ɛsɛ sɛ asafo ahorow nyinaa yɛ nhyehyɛe yɛ asɛnka nhyiam titiriw Memeneda, March 26. Ɛwom sɛ pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ de siesie yɛn ho ma Nkaedi no de, nanso wɔkamfo kyerɛ sɛ obiara a obetumi no nkɔ asɛnka Memeneda anɔpa. Afie afie adwuma a wobɛyɛ akyi no, hwɛ hu sɛ wɔn a woato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmra Nkaedi no nim da no, bere ne baabi a mubehyiam no pefee.
6 To Nsa Frɛ Afoforo na Hyɛ Wɔn Nkuran: Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae!” (1 Kor. 11:24) Bere a Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no di saa ahyɛde no so no, wɔto nsa frɛ Yehowa akoa biara sɛ ɔmmra Nkaedi afahyɛ no ase. Nnipa a ɛsɛ sɛ woto nsa frɛ wɔn no bi ne Bible asuafo, abusuafo, wɔn a wo ne wɔn abɔ Bible mu nkɔmmɔ pɛn, ahokafo a wonnye nni, ne nnipa a w’adwuma ama woahu wɔn. Kyerɛw wɔn din to hɔ na wo werɛ amfi obiara.
7 Yebenya hokwan afoforo de ahyɛ anigyefo nkuran wɔ Nkaedi no ankasa ase. Hwɛ hu sɛ wubedu hɔ ntɛm na woatumi akyia afoforofo a ɛne bere a edi kan a wɔba bi no. Sɛ wo Bible asuafo pii ba a, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ ɔdawurubɔfo foforo ne wɔn mu bi bɛtra faako wɔ nhyiam no ase. Ka kyerɛ afoforofo sɛ wɔmmra asafo no dapɛn biara Baguam Nhyiam a edi hɔ no. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a wɔapaw no sɛ ɔmma baguam ɔkasa no siesie ne ho yiye na ama wama ɔkasa a ɛkanyan nnipa.
8 Wɔ Nkaedi afahyɛ no awiei no, bere a yebom to dwom 105 a ese “Ma Yehowa Abakan No Amo” no, ɛmmra sɛ yebetumi de akomatɔyam abu kɔmpɔ ahwɛ ɔsram biako teokrase dwumadi a yɛde nnam yɛe de kamfoo Yehowa no!