Tra Ase Daa Nhoma no a Wode Befi Bible Adesua Ase
1 Ɛsɛ sɛ ɔdɔ ma nnipa kanyan yɛn ma yɛsan kɔboa wɔn a nokware no ho kɔm ne sukɔm de wɔn no ntɛm. (Mat. 5:6) Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ anigye ketewaa bi a ebia yehu no nsow na yedi ho dwuma, sɛ yɛmpɛ sɛ ɛsã a. Ahosiesie na ɛbɛma yɛatumi ayɛ saa.
2 Ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yebefi Bible adesua ase. (Mat. 28:20) Ná nnianim nsɛm yi wɔ Tra Ase Daa nhoma a wodii kan tintimii no mu: “Eyi yɛ nhoma a eye kyɛn so ampa a yɛne obiara besua, mmofra anaa mpanyin, a sɛnea wɔn nhomanim te mfa ho.” Wɔakyerɛw wɔ ɔkwan a ɛma adesua yɛ yɛ mmerɛw kɛse so, na ɛma adawurubɔfo a wɔyɛ foforo mpo tumi yɛ bi. Adesua foforo a yebetumi afi ase no gyina yɛn mpɔntu wɔ sankɔhwɛyɛ mu so.
3 Ɔkwan Bɛn na Yebetumi Afa so Afi Adesua Ahorow Ase? Sɛ yɛsan kɔ hɔ a, ɛtaa yɛ papa sɛ yɛde asɛm bi a yɛkae anaa yebisae wɔ yɛn nsrahwɛ a edi kan no mu tõa nkɔmmɔbɔ no mu. Ebia mususuw tebea a awufo wom ho, na mugyaw asemmisa a ɛne sɛ, “Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma yɛn adɔfo a wɔawuwu no?” Kyerɛkyerɛ mu sɛ owusɔre no nyɛ anidaso a enni nnyinaso; Bible no ka owusɔre a wɔanya dedaw ho nhwɛso pii ho asɛm. Monka nkratafa 167-9 hɔnom mfonini ahorow no ho asɛm. Afei munsusuw nea wɔka wɔ nkyekyem 1 ne 2 a ɛwɔ kratafa 166 no ho. Sɛ ɔda anigye adi a, ka sɛ wobɛsan aba ma moatoa nkɔmmɔbɔ no so.
4 Ebia woakasa akyerɛ ɔwofo bi a ɔkae sɛ mmofra ntetee mu ɔhaw a ɛredɔɔso no haw no. Wubetumi de w’ankasa nsɛm aka biribi te sɛ eyi:
◼ “Awofo nyinaa pɛ sɛ wɔn mma nya nea eye sen biara. Bible no kura akwankyerɛ a ebetumi aboa awofo ma wɔatete wɔn mma ma wɔanya asetra a akomatɔyam wom a ɛwɔ atirimpɔw. Ɛno nti, yɛkamfo kyerɛ denneennen sɛ mmusua mmom nsua Bible no. [Twe adwene si nkyekyem 23 so wɔ kratafa 246.] Nimdeɛ a wobenya no betumi de nhyira a ɛtra hɔ daa abrɛ abusua mũ no nyinaa.” Kenkan Yohane 17:3. Ka sɛ wobɛpɛ sɛ wosan ba bɛkyerɛ abusua no sɛnea wobefi wɔn adesua no ase.
5 Sɛ woyɛ ɔdawurubɔfo kumaa anaa foforo na wokaa Paradise no ho asɛm tiawa wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu a, bue nhoma no kratafa 3, na fa ka biribi te sɛ eyi:
◼ “Bible no hyɛ bɔ sɛ wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no betumi ahwɛ kwan sɛ wɔbɛtra wiase bi a ɛte sɛ eyi mu, faako a anigye ne asomdwoe bɛtra. Nhoma yi kyerɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya saa nhyira no.” Kyerɛkyerɛ ɔkwan a yɛfa so yɛ adesua no mu tiawa, na ka sɛ wobɛyɛ ho ɔyɛkyerɛ.
6 Sɛ́ Yesu asuafo no, ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛboa nkurɔfo. (Rom. 10:14) Sɛ yɛde nhoma ma anaa yɛne no bɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye kɛkɛ a, ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yebedi anigye no ho dwuma. (Mat. 9:37, 38) Sɛ yɛyɛ adwuma yi yiye a, yɛn nyinaa betumi anya nhyira horow a ebefi mu aba no bi.—1 Tim. 4:16.