Wɔama Yɛafata na Wɔasiesie Yɛn sɛ Yɛnkyerɛkyerɛ Afoforo
1 Bere a wɔpaw Mose sɛ Yehowa nanmusifo no, na ɔnte nka sɛ ɔfata sɛ ɔbɛka Onyankopɔn asɛm akyerɛ Farao. (Ex. 4:10; 6:12) Yeremia daa no adi sɛ onni ahotoso sɛ obetumi asom sɛ Yehowa diyifo, na ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ onnim kasa. (Yer. 1:6) Ɛmfa ho sɛ na wonni ahotoso mfiase no, saa adiyifo baanu no nyinaa dii Yehowa ho adanse a wɔansuro. Onyankopɔn maa wɔfatae.
2 Ɛnnɛ, Yehowa adaworoma, yɛwɔ nea yehia na yɛde ahotoso awie yɛn som adwuma no. (2 Kor. 3:4, 5; 2 Tim. 3:17) Te sɛ afiri siesiefo a ne ho akokwaw a ɔwɔ nnwinnade a ohia nyinaa no, wɔasiesie yɛn yiye na yɛde awie ɔsom adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no ahokokwaw mu. Wɔ January mu no, yɛde nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1984 reba a mo asafo no wɔ na ɛbɛma. Ɛwom sɛ saa honhom fam nnwinnade yi nyɛ foforo de, nanso emu nsɛmti a egyina Kyerɛwnsɛm so no da so ara yɛ foforo, na saa nhoma ahorow yi bɛboa nkurɔfo ma wɔasua nokware no. Yebetumi asakra nsɛm a wɔka kyerɛ ho nyansahyɛ a edidi so yi mu ma ɛne nhoma a yɛde rema no biara ahyia.
3 Yebetumi de asɛm a ɛfa nhomasua ho adi dwuma de akanyan Onyankopɔn Asɛm ho anigye. Wubetumi afi nkɔmmɔbɔ ase denam eyi a wobɛka so:
◼ “Ɛnnɛ, wosi hia a nhomasua a edi mũ hia so dua kɛse. Wususuw sɛ nhomasua bɛn na ɛsɛ sɛ obi nya na wanya anigye a edi mũ na asi no yiye wɔ asetra mu? [Twɛn ma ommua.] Wɔn a wonya Onyankopɔn ho nimdeɛ no betumi anya mfaso a ɛtra hɔ daa. [Kenkan Mmebusɛm 9:10, 11.] Saa nhoma ketewa yi [ka nhoma a wode rema no asɛmti] gyina Bible so. Ɛkyerɛ nimdeɛ fibea koro pɛ a ebetumi akɔ daa nkwa mu.” Fa nhwɛso pɔtẽẽ bi a ɛwɔ nhoma no mu kyerɛ no. Fa nhoma no ma no na yɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe.
4 Sɛ woresan akɔ ofiewura bi a wo ne no susuw hia a Bible ɔkyerɛkyerɛ ho hia ho nkyɛn a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Wɔ me nsrahwɛ a edi kan mu no, yɛkaa Bible no ho asɛm sɛ adesua fibea a ebetumi ama yɛanya daakye a enni awiei. Nokwarem no, egye mmɔdenbɔ na yɛasua nea ehia sɛ yehu fi Kyerɛwnsɛm no mu no. [Kenkan Mmebusɛm 2:1-5.] Ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wɔbɛte Bible no afã bi ase. Mɛpɛ sɛ mekyerɛ wo ɔkwan tiaa bi a yɛde adi dwuma kɛse aboa nkurɔfo ma wɔasua Bible nkyerɛkyerɛ atitiriw no ho ade pii.” Bere a wode nhoma a wugyaw maa no no redi dwuma no, dan kɔ beae a ɛfata na yɛ Bible adesua ho ɔyɛkyerɛ tiawa. Sɛ ofiewura no pɛ sɛ wo ne no sua ade daa a, kyerɛkyerɛ mu sɛ wobɛsan aba de yɛn nhoma a ɛboa adesua a ɛne Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu no abrɛ no.
5 Amane a wiase mmofra ɔpepem pii rehu no haw nnipa pii. Ebia wubetumi aboa ofiewura no ma wahu sɛnea Onyankopɔn bu saa tebea yi denam eyi a wobɛka so:
◼ “Akyinnye biara nni ho sɛ, woahu atesɛm amanneɛbɔ a ɛfa mmofra a wɔwɔ wiase nyinaa a ɔkɔm de wɔn, wɔyare, na wɔato wɔn asaworam no ho no. Dɛn nti na ahyehyɛde ahorow a ɛhaw wɔn no ntumi mmaa tebea no nyɛɛ yiye? [Twɛn ma ommua.] Ade pa nkutoo na Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa nya. Hwɛ nea ɔde hyɛ mmofra ne mpanyin bɔ, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Bible mu no. [Kenkan Adiyisɛm 21:4.] Saa nhoma yi [ka n’asɛmti] de wiase bi a Onyankopɔn de bɛba a amanehunu befi hɔ ho nkyerɛkyerɛmu pii ma.” Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, bue mfonini bi a ɛka Paradise ho asɛm na munsusuw ho. Fa nhoma no ma no, na yɛ nsrahwɛ foforo ho nhyehyɛe.
6 Sɛ mfiase no wokaa amane a mmofra rehu ho asɛm a, wubetumi atoa nkɔmmɔbɔ no so denam nea edi so yi a wobɛka bere a woasan akɔ hɔ no so:
◼ “Bere a mebaa ha nnansa yi no, wokyerɛɛ sɛnea tebea a mmofra a afie a emu apaapae, ɔkɔm, ɔyare, ne basabasayɛ ama wohu amane, wom no haw wo. Ɛma awerɛkyekye sɛ wobɛkenkan wiase bi a mmofra anaa mpanyimfo renyare, wɔrenhu ɛyaw, anaa owu, ho asɛm wɔ Bible mu. Nkɔmhyɛ bi a ɛwɔ Yesaia nhoma no mu ka asetra pa a ɛbɛba asase so ho asɛm.” Kenkan Yesaia 65:20-25 na munsusuw ho. Awiei koraa no, ma enkowie Bible adesua mu wɔ Nimdeɛ nhoma no mu.
7 Esiane sɛ mpaebɔ yɛ ade a nyamesomfo taa pɛ nti, wubetumi afi saa asɛmti yi ho nkɔmmɔbɔ bi ase denam eyi a wobɛka so:
◼ “Yɛn mu dodow no ara ahyia ɔhaw a aka yɛn ma yɛabɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa yɛn wɔ yɛn asetra mu bere bi. Nanso, nnipa pii te nka sɛ wommua wɔn mpaebɔ. Ɛte sɛ nea wommua nyamesom akannifo a wɔbɔ mpae wɔ baguam srɛ asomdwoe no mpo. Yɛka saa efisɛ akodi ne nsɛmmɔnedi kɔ so haw adesamma. So Onyankopɔn tie mpaebɔ ankasa? Sɛ otie a, dɛn nti na ɛte sɛ nea ommua mpae pii? [Twɛn ma ommua.] Dwom 145:18 kyerɛkyerɛ nea ɛhwehwɛ ansa na wɔatie yɛn mpaebɔ mu. [Kenkan kyerɛwsɛm no.] Ade biako ne sɛ, ɛsɛ sɛ mpae a yɛbɔ Onyankopɔn no yɛ nea efi komam na ɛne nokware a ɛwɔ N’asɛm, Bible, mu no hyia.” Fa nhoma a wode rema no kyerɛ no, na kyerɛ no nea ɛka fa bo a mpaebɔ som ho no.
8 Sɛ woresan akɔtoa nkɔmmɔ bi a mobɔ faa mpaebɔ ho so a, wubetumi asɔ saa kwan yi ahwɛ:
◼ “M’ani gyee yɛn nkɔmmɔbɔ a na ɛfa mpaebɔ ho no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ wubehu sɛ adwene a na Yesu kura wɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae ho no yɛ akwankyerɛ a mfaso wɔ so.” Kenkan Mateo 6:9, 10, na twe adwene si ahiade atitiriw a Yesu kaa ho asɛm wɔ ne mpaebɔ nhwɛso mu no so. Fa ti 16, “Sɛnea Wubetumi Abɛn Onyankopɔn,” a ɛwɔ Nimdeɛ nhoma no mu no kyerɛ no, na bisa sɛ ebia wubetumi akyerɛ no sɛnea wosua nhoma no anaa.
9 Ɛdefa Onyankopɔn ho nimdeɛ a wɔde ma afoforo ho no, yebetumi abisa sɛ, “Hena na ɔfata sɛ ɔde eyinom ma kɛse?” Kyerɛwnsɛm no bua sɛ: “Ɛyɛ yɛn.”—2 Kor. 2:16, 17, NW.