Monsan Nkɔ Wɔn a Wɔkyerɛɛ Ahenni Asɛm no Ho Anigye no Nkyɛn
1 Adapɛn kakra a atwam ni no, yɛanya hokwan akyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 a n’asɛmti ne “So Nnipa Nyinaa Bɛdodɔ Wɔn Ho Da Bi?” no. Adawurubɔfo a wɔwɔ mmaa nyinaa rebɔ mmɔden sɛ wɔde Ahenni Asɛm yi bɛma nnipa pii a wɔsɛ no sɛnea wobetumi. (Mat. 10:11) Ɛwom sɛ wɔayɛ nhyehyɛe sɛ ɔsatu yi bɛba awiei Kwasida, November 16 de, nanso sɛ asasesin no pii aka a ɛsɛ sɛ yɛyɛ mu adwuma a, mpanyimfo no betumi akyerɛ sɛ monkɔ so nkyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no nkosi sɛ mo asafo no de bɛsa.
2 Saa Ahenni Asɛm yi akanyan nnipa pii anigye. Wohu sɛ nnipa dodow no ara nni dɔ, ma enti wodwen nea ɛbɛba daakye ho. (2 Tim. 3:3) Yɛpɛ sɛ yɛsan kɔ wɔn a wɔkyerɛɛ anigye no nkyɛn.
3 Ahenni Asɛm Sow Aba: Bere a yɛde Ahenni Asɛm tuu sa wɔ 1995 mu no, ɔbea bi a onyaa bi baa nhyiam wɔ Ahenni Asa so efisɛ na ɔpɛ sɛ ohu Yehowa Adansefo gyidi ho nsɛm pii. Ɔpenee Bible adesua so ntɛm ara, na ɛno akyi no, wantoto asafo nhyiamkɔ mu. Ankyɛ na ɔkyerɛw asɔre a na ɔkɔ kan no sɛ wontwa ne din mu!
4 Ɛde besi nnɛ no, nnipa ɔhaha pii a wɔwɔ yɛn asasesin mu akenkan Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no mu nsɛm. Nanso dɛn na wɔayɛ wɔ ho? Sɛ wɔn ani gyee nea wɔkenkanee no ho kɛse mpo a, wɔn mu dodow no ara renyɛ ho hwee kosi sɛ Yehowa Adansefo mu biako bɛkɔ wɔn nkyɛn bio. So woreyɛ nhyehyɛe asan akɔ wɔn nkyɛn? Ɛsɛ sɛ ɔdɔ mu a yefi dwen yɛn yɔnko nnipa ho ka yɛn ma yɛyɛ saa. Ɛsɛ sɛ yɛsan kɔsra wɔn a wɔkyerɛɛ Ahenni Asɛm no ho anigye nyinaa.
5 Sɛ Wosan Kɔ Wɔn Nkyɛn a Dɛn na Wobɛka? Wubetumi aka sɛnea Ahenni Asɛm no mu nsɛm no aba wɔ ne bere mu, na afei woabisa asɛm bi a ɛkanyan adwene. Sɛ ofiewura no kasa a, tie no yiye, na ama woatumi ahu nea ɛwɔ n’adwenem. Afei twe adwene si Ahwehwɛde nhomawa no mu asɛm bi a ɛfata a ɛwɔ Ahenni Asɛm no mu so. Sɛ ɔkyerɛ ho anigye a, bɔ mmɔden fi Bible adesua ase amonom hɔ ara.
6 Nsɛm a wɔka kyerɛ ho nyansahyɛ ahorow a wubetumi de adi dwuma bere a wosan kɔsra wɔn a wɔkyerɛɛ “Ahenni Asɛm” a Ɛto so 35 no ho anigye no bi ni:
◼ “Ebia wokae krataa bi a mede maa wo nnansa yi no mu nsɛm. Emu nsɛm fa ɔsɛmpɔw titiriw bi a ɛrepaapae adesamma mu nnɛ—afoforo ho dɔ a wonni—ho.” Twe adwene si adanse a ɛwɔ Ahenni Asɛm no kratafa 2 a ɛwɔ asɛmti ketewa a ɛne, “Yɔnkodɔ Ano Adwo” ase no so. Afei bisa sɛ, “Wususuw sɛ ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ adesamma bɛtra ase wɔ saa kwan yi so?” Twɛn ma ommua. Dan kɔ Ahwehwɛde nhomawa no adesua a ɛto so 5, na bɔ mmɔden fi Bible adesua ase.
◼ “Bere a yehyiaa nea edi kan no, memaa wo kratawa bi a na ɛfa asɛm a ɛne ‘So Nnipa Nyinaa Bɛdodɔ Wɔn Ho Da Bi?’ ho. Wususuw sɛ wiase a ɛte saa betumi aba?” Twɛn ma ommua. Dan kɔ Ahwehwɛde nhomawa no adesua a ɛto so 6, na kenkan nkyekyem 6 no. Afei kenkan Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛwɔ Mika 4:3, 4 no. Wuwie a, ma no nhomawa no bi na monyɛ adesua ho nhyehyɛe.
◼ “Bere a mebɛsraa wo nnaano no, memaa wo kratawa bi a na n’asɛmti ne, ‘So Nnipa Nyinaa Bɛdodɔ Wɔn Ho Da Bi?’ Ɛkaa ofie Bible adesua a wontua ho hwee ho asɛm. Maba bio sɛ mede nhoma a yɛde sua ade rebɛkyerɛ wo. [Fa Nimdeɛ nhoma no kyerɛ no.] Saa nhoma yi kyerɛkyerɛ bere a nnipa nyinaa bɛdodɔ wɔn ho mu pefee, na ɛma nsɛmmisa foforo a ebia wudwen ho ho mmuae: Dɛn nti na yenyinyin na yewuwu? Dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan? Dɛn na ɛba yɛn adɔfo a wɔawuwu no so?” Afei bisa no sɛ, “Menkyerɛ wo sɛnea yesua no anaa?” Sɛ ofiewura no ampene nea woka no so a, bisa no sɛ ɔno ankasa bɛpɛ sɛ ɔkenkan nhoma no anaa. Sɛ ɔpɛ no saa a, ma no bi fa gye ɛho ntoboa a wɔakyerɛ no. Yɛ nhyehyɛe san kɔ hɔ.
7 Sɛ yɛkyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no wɔ asasesin no mu nyinaa wie a, yebetumi de Nimdeɛ nhoma no ama wɔ ɔsram no nna a aka mu. Wubetumi ahu nsɛm a ɛfata a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa wɔ Yɛn Ahenni Som ahorow a ɛbae wɔ March, June, ne November 1996; ne June 1997 mu no akyi.
8 Ɛsɛ sɛ Ahenni Asɛm kyekyɛ soronko yi kanyan yɛn nyinaa ma yɛyere yɛn ho wɔ asɛnka adwuma no mu. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, yebetumi anya ahotoso sɛ saa ɔsatu yi bedi nkonim ɔkwan biara so, ma yɛaboa nnipa ma wɔahu Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ adesamma nyinaa bɛdodɔ wɔn ho no. Ɛmmra sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira mmɔden a yɛbɔ so, bere a yɛsan kɔ wɔn a wɔkyerɛ Ahenni Asɛm no ho anigye nyinaa nkyɛn no.