Ahenni Asɛm a Ɛto So 36 Ho Anigye a Yɛbɛma Wɔakɔ So Anya
1 So woakyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto So 36 a wunyae no awie? Ebisa asɛm bi a ɛfata a ɛsɛ sɛ obiara susuw ho: “Mfirihyia Apem Foforo No—Dɛn na Wubenya Daakye?” Bere a na yɛrebɛhyɛn afe 2000 mu no, na nkurɔfo kura anidaso ahorow pii. Ahenni Asɛm a Ɛto So 36 no susuw anidaso yi bi ho na ɛma yehu sɛ nea ɛresisi wɔ wiase no mma yennya anidaso biara. Yesu Kristo Mfirihyia Apem Nniso no nkutoo na ɛbɛma nnipa anya asomdwoe ne dwoodwoo asetra. Ahotoso a yɛwɔ sɛ N’ahenni no bɛba no ka yɛn ma yɛkyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto So 36 no ma obiara sɛnea yebetumi.
2 Nea Afoforo Aka Afa Ahenni Asɛm Ho: Ahenni Asɛm a yɛakyekyɛ dedaw no ahyɛ yɛn nkuran kɛse wɔ yɛn adwuma no mu. Canada baa dwumadibea no kyerɛw faa Ahenni Asɛm a Ɛto So 35 no ho sɛ: “Adawurubɔfo ne akwampaefo de anigye kɛse yɛɛ ɔsatu titiriw yi na yenyaa osuahu a ɛhyɛ nkuran pii.” Akyinnye biara nni ho sɛ, woanya anigye a ɛte saa ara wɔ Ahenni Asɛm a Ɛto So 36 no kyekyɛ mu.
3 Wɔakyerɛ sɛ yebewie Ahenni Asɛm a Ɛto So 36 no kyekyɛ wɔ November 17, 2000 mu. So moyɛɛ mo asafo no asasesin nyinaa mu adwuma wiei? Sɛ ɛnte saa a, ebia mpanyimfo no bɛma moakɔ so akyekyɛ de akosi November awiei.
4 Ɛde besi nnɛ no, ɔkwan bɛn so na wo mpɔtam hɔfo akyerɛ Ahenni Asɛm a Ɛto So 36 no ho anigye? Nnipa kakraa bi na ɛbɛhyehyɛ krataa a ɛka ho no de akyerɛ sɛ wɔpɛ Ahwehwɛde nhomawa no bi anaasɛ wɔn ani gye ofie Bible adesua ho. Nanso, ɛda adi sɛ nnipa pii a mfiase no wɔkyerɛɛ mfirihyia apem ho asɛm no ho anigye no renyɛ ho biribi gye sɛ Yehowa Adansefo san kɔ wɔn nkyɛn ansa. Ɛsɛ sɛ wosan kɔ wɔn a wɔkyerɛɛ anigye no nyinaa nkyɛn. Bere bɛn na ɛfata sɛ woyɛ eyi? Ɛsɛ sɛ wosan kɔ wɔn nkyɛn ntɛm ara.
5 Tie osuahu ahorow a anuanom bi a wɔsan kɔɔ wɔn a wɔmaa wɔn Ahenni Asɛm a Ɛto So 35 nkyɛn no kae. Ɔkwampaefo bi a ɔwɔ Ireland de Ahenni Asɛm no bi maa adidibea wura bi. Ɔbea no ani gyee emu asɛm no ho na ɔka kyerɛɛ onuawa no sɛ ɔnsan mmra. Onuawa no san kɔɔ ne nkyɛn nnanu akyi na wofii Bible adesua ase. Wɔ Denmark no, onua bi gyaw Ahenni Asɛm no bi wɔ ofie bi a na obiara nnim mu. Da no ara, ɔbea a ɔte fie hɔ no de krataa a ɛka ho no kɔmaa baa dwumadibea no na wɔn nso de kɔmaa asafo a ɛwɔ hɔ no. Dapɛn no amma awiei mpo na anuanom mmea baanu kɔɔ ne nkyɛn ne no kɔyɛɛ adesua, na ɔbea no kɔɔ ne nhyiam a edi kan wɔ Ahenni Asa so!
6 Nea Wobɛka Bere a Wosan Kɔ No: Afoforo a yɛama wɔn Ahenni Asɛm no bi a yɛbɛsan akɔ wɔn nkyɛn no nyɛ den biara na ɛyɛ yɛn som adwuma no fã a ɛyɛ anigye. Bere a woreyɛ saa no, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛfa Ahenni Asɛm a Ɛto So 36 no bi ahyɛ wo ho, efisɛ ebia na ofiewura no nhu ne de. Wubetumi de nyansahyɛ yi adi dwuma.
7 Sɛ woda wo ho adi kyerɛ ofiewura no wie a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Migyaw kratawa bi a wɔato din ‘Mfirihyia Apem Foforo No—Dɛn na Wubenya Daakye?’ wɔ ha. So anyɛ wo anigye sɛ wuhui sɛ ɛrenkyɛ Kristo Yesu Mfirihyia Apem Nniso no befi ase, na ama asase yi adan Paradise? [Fa Paradise mfonini a ɛwɔ Ahenni Asɛm a Ɛto So 36 mu no kyerɛ no.] Wɔakyerɛ wɔ akyi hɔ sɛ wubetumi abisa Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no bi. Fa nhomawa no kyerɛ na dan kɔ adesua 5, kenkan asɛmmisa a edi kan no ne nkyekyem 1 ne 2, na ma ofiewura no nkyerɛ n’adwene. Kenkan kyerɛw nsɛm biako anaa abien na kyerɛkyerɛ mu. Sɛ hokwan wɔ hɔ a, kenkan asɛmmisa ne nkyekyem foforo, na afei kyerɛ sɛ wobɛsan aba abɛtoa nkɔmmɔbɔ no so.
8 Esiane sɛ yɛde “Ahwehwɛde” nhomawa anaa “Nimdeɛ” nhoma na ɛbɛma November mu de ayɛ sankɔhwɛ nti, wubetumi aka sɛ:
◼ “Nnaano bi a mebɛsraa wo no, memaa wo ‘Mfirihyia Apem Foforo No—Dɛn na Wubenya Daakye?’ no bi. Ɛka sɛ yebetumi ne wo ayɛ ofie Bible adesua a wuntua hwee. Maba sɛ merebɛkyerɛ wo nhoma a yɛde yɛ adesua no. [Fa Ahwehwɛde nhomawa no kyerɛ no, na monhwɛ akyi mfonini no, anaa fa Nimdeɛ nhoma no kyerɛ no na dan kɔ nkratafa 188-9.] Mfirihyia Apem nniso a Bible ka ho asɛm no bɛyɛ sɛ mfonini a wuhu wɔ ha no. Sɛ yebetumi anya Paradise no mu akɔ a, ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn ho nimdeɛ a edi mu. Mesrɛ wo ma memfa bere kakraa bi nkyerɛ wo sɛnea yɛyɛ Bible adesua no.”
9 Ahenni Asɛm a Ɛto So 36 no kyekyɛ no akanyan yɛn ma yɛayɛ asɛnka adwuma no pii, na yɛde adanse kɛse ama. Ɛda adi sɛ eyi akanyan nnipa pii a wɔwɔ asasesin no mu ama wɔn ani agye. Yehowa behyira mmɔden a yɛbɔ ma afoforo nya anigye a ɛte saa so, na ama yɛanya wɔn a wɔte sɛ nguan no pii.—Mat. 10:11; Aso. 13:48, 49, 52.