Kyerɛ Obu Ma Beae a Wɔsom Yehowa No
1 Sɛ yɛkɔyɛ ahɔho wɔ obi fie a, yɛkyerɛ obu ma saa nipa no agyapade, a yɛnyɛ biribi mfa nsɛe no, na yɛmma nneɛma nyɛ basaa wɔ fie hɔ. Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ eyi yɛ nokware kɛse bere a yɛkɔsoɛ Yehowa sɛ ahɔho no! Ɛsɛ sɛ yehu sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ ne fie. (Dw. 15:1; 1 Tim. 3:15) Sɛ́ yɛyɛ yɛn Kristofo nhyiam wɔ Ahenni Asa so, obi fie, anaa mmeae a ɔmanfo tumi hyia no, yɛn mu fã kɛse no ara kyerɛ obu ma beae a yɛsom no bere nyinaa te sɛ nea ɛyɛ Yehowa a “n’anuonyam tra asase ne ɔsoro so” no fie.—Dw. 148:13.
2 Anuanom bi nkyerɛ obu wɔ nhyiam ahorow ase denam dede a wɔyɛ anaa yɛ a wɔyɛ wɔn ade te sɛ nea asɛm a wɔde rema wɔn no ho nhia so. Wɔn a wɔn ani afi kakraa bi di nkɔmmɔ a ɛho nhia wɔ abrannaa so, adwensɔe, anaa wopue ba abɔnten bere a nhyiam rekɔ so wɔ Ahenni Asa so no. Sɛ wogyae abofra a n’ani afi kakra sɛ ɔnhwɛ ne nua ketewa a, ɛtɔ mmere bi a wɔn baanu no fi ase di agoru, na wonnya dwumadi no mu mfaso biara. Wɔahu mmofra bi sɛ, sɛ wopue fi Ahenni Asa so bere a yɛapɔn nhyiam ahorow a, wodi agoru, yɛ dede kɛse, na wɔyɛ te sɛ nea wɔrebɔ karate mpo. Wɔ tebea ahorow bi mu no, wɔde mmirika atwitware afoforo ananmu, wɔahaw mpɔtam hɔfo anaa wɔatwitwam wɔ beae a wɔde kar sisi.
3 Sɛnea Yɛbɛkwati Animtiaabu: Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ yɛkyerɛ nidi ne kronn a yɛn som yɛ no ho anisɔ a, yɛrempɛ sɛ yɛbɛtwetwe afoforo adwene denam wesewese a yɛbɛyɛ, adidi, kyingam a yɛbɛwe, nkrataa a yɛde begugu fam basabasa, adwensɔe a yebedi hɔ akɔneaba, anaa yɛ a yɛbɛma ayɛ yɛn su sɛ yɛbɛka akyi wɔ asafo nhyiam ahorow kɔ so. Awofo a wɔda obu ne anisɔ adi no remma wɔn mma nyɛ Ahenni Asa so anaa ofie a wɔyɛ nhoma adesua wo mu no kapɛt, ntama a eduradura nkongua ho, anaa afasu ho no fĩ. Na akyinnye biara nni ho sɛ yɛn nyinaa gye tom sɛ wɔmma aniwude, kasafĩ, anaa fɛwdi a ɛmfata ho kwan koraa wɔ yɛn nhyiam ahorow ase.—Efe. 5:4.
4 Sɛ yɛkae yɛn Kristofo nhyiam ahorow no atirimpɔw bere nyinaa a, yɛbɛhwɛ ahu sɛ yɛne yɛn mma bɛkyerɛ obu a ɛfata ama Yehowa som wɔ beae a ‘yɛapaw sɛ yebegyina no.’—Dw. 84:10.