Paw Nsɛm Pɔtee a Nkurɔfo Ani Begye Ho
1 Te sɛ bɛmmatofo a wɔde ahwɛyiye tow wɔn bɛmma no, asafo mu adawurubɔfo ne akwampaefo pii redi nkonim a ɛkyɛn so bere a wɔpaw Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu nsɛm a nkurɔfo pɔtee bi a wɔwɔ wɔn asasesin mu ani begye ho no. Wɔhwɛ hu wɔn a akyinnye biara nni ho sɛ wɔbɛpɛ sɛ wɔkenkan nsɛmma nhoma mu nsɛm pɔtee bi no. Ɔkwan bɛn so na wɔyɛ eyi?
2 Nea edi kan no, wɔkenkan nsɛmma nhoma biara a ɛba no nyinaa. Afei, wobisa wɔn ho sɛ, Onipa bɛn na asɛm no mu biara fa ne ho? Afei wɔyɛ nhyehyɛe kɔsra ankorankoro a akyinnye biara nni ho sɛ wɔn ani begye ho sɛ wɔbɛkenkan saa asɛm no. Sɛ wohu sɛ nkurɔfo bɛkyerɛ nsɛmma nhoma pɔtee bi ho anigye kɛse wɔ wɔn asasesin mu a, wɔkra pii.
3 Wobu Yɛn Nsɛmma Nhoma no Yiye: Wɔn a wɔkra yɛn nsɛmma nhoma no mu biako a ɔyɛ adwuma wɔ beae a wotintim nsɛmma nhoma a ɛkɔ aman horow so a wɔkenkan no kɛse sen biara wɔ Nigeria no kaa Nyan! ho asɛm sɛ: “Mema mo amo wɔ mo nsɛmma nhoma a wɔkyerɛ ho anigye sen biara wɔ wiase no ho.” Ɔkenkanfo bi a n’ani gye yɛn nsɛmma nhoma no ho kae sɛ: “Nyansa ahoɔden abo a ɛkyɛn so na ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Wɔka asɛm biara a m’ani gye ho ho asɛm wɔ saa [nsɛmma nhoma] yi bi mu.” Nhomanimfo bi a ɔwɔ Ghana kyerɛwee sɛ: “Makenkan ‘Information Anxiety’ ne nea ɛde ba nnipa so no ho nsɛm wɔ January 8, 1998 Engiresi Nyan! no mu, na mepɛ sɛ meda mo ase wɔ saa nsɛm a ɛka koma a motintim no ho.”
4 Nsɛmma nhoma no ka nneɛma pii ho asɛm, a ebi ne Bible, nsɛm a esisi wɔ wiase, abusua ho nsɛm, asetra mu nsɛm, abakɔsɛm, nyansahu, mmoa ne afifide ho asɛm, sɛ yɛbɛbobɔ kakraa bi pɛ a. Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ biribi fa obi ahiade, ne nsɛm tebea, anaa n’adwuma ho a, n’ani gye ho kɛse sɛ ɔbɛkenkan. Esiane sɛ yɛkasa kyerɛ nnipa pii a ɛsono nea wɔn mu biara pɛ ne wɔn haw nti, nsɛm pɔtee a nkurɔfo a yehyia wɔn ani begye ho a yɛbɛpaw no tu mpɔn yiye.
5 Hyɛ nea esii bere a Adansefo baanu bi de September 8, 1996, Nyan! no maa sɛnkyerɛwfo bi no nsow. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ansa na merenya kwan aka sɛ m’ani nnye ho no, wɔn mu biako kae sɛ: ‘Asɛm bi wom a ɛfa Amerika Indiafo ho. Yenim sɛ wokyerɛw nsɛm pii fa wɔn ho.’” Ogyee nsɛmma nhoma no, na bere a ɔredidi anɔpa no, ɔkenkanee asɛm a ɛfa Indiafo ho no, na ogye toom akyiri yi sɛ “na ɛkyɛn so” na na “ɛyɛ nokware turodoo.”
6 Dɛn na Nkurɔfo Ani Gye Ho Wɔ W’asasesin Mu? Dɛn na woahu wɔ nsɛmma nhoma a ɛba wɔ nnansa yi asram no mu a ebia sotɔɔ wuranom ne nkurɔfo a wɔyɛ nnwuma pɔtee bi a wɔwɔ w’asasesin mu anaa w’afipamfo, mfɛfo adwumayɛfo, ne sukuufo ani begye ho? Dɛn na mmaranimfo, akyerɛkyerɛfo, mmusua ne sukuu ho afotufo, mmofra afotufo, nnipa asetra ho adwumayɛfo, akuafo, apofofo, ne akwahosan ho adwumayɛfo ani begye ho titiriw? Nkurɔfo a woka asɛm no kyerɛ wɔn a wobɛma wɔatra w’adwene mu bere a wokenkan nsɛmma nhoma biara no bɛma woanya akwan a ɛkyɛn so a wode bɛtrɛw asɛm a ɛyɛ nokware no mu.
7 Sɛ wuhyia obi a ɔkyerɛ anigye pɔtee wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu asɛm bi ho na ogye nsɛmma nhoma no a, wubetumi aka sɛ: “Sɛ asɛm bi ba nsɛmma nhoma a ɛbɛba akyiri yi mu na mete nka sɛ w’ani begye ɛno nso ho a, m’ani begye ho sɛ mede bi bɛbrɛ wo.” Wubetumi de onipa no aka wɔn a woma wɔn nsɛmma nhoma daa no ho, na fa nsɛmma nhoma a ɛba foforo kɔma no daa. Saa na ebinom ayɛ ma ankorankora a wɔkyerɛ nsɛm bi a ɛba yɛn nsɛmma nhoma mu ho anigye titiriw no ato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmra wɔn nkyɛn daa.
8 Nya Honhom Fam Botae: Mfe kakra a atwam ni no, ɔbarima bi a adwuma agye n’adwene nsa kaa Nyan! nsɛmma nhoma bi a na ɛfa asɛm bi a n’ani gye ho ho. Nanso, saa ɔbarima a n’ani gye nyamesom ho yi kenkan Ɔwɛn-Aban a na ɛka ho a na asɛm bi wom a ɛkaa no ma ɔyɛɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ a na wagye adi ne nkwa nna nyinaa no mu nhwehwɛmu no. Asram asia akyi no, wɔbɔɔ no asu! Enti ntwentwɛn wo nan ase sɛ wo ne wɔn a wɔkenkan yɛn nsɛmma nhoma no bɛbɔ honhom fam nkɔmmɔ. Wubetumi de Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no ama no, na mode simma kakra asusuw adesua biako ho nsrahwɛ biara mu wɔ bere biara a wode nsɛmma nhoma foforo bɛkɔ akɔma no no.
9 Susuw wɔn a wokɔ wɔn nkyɛn sankɔhwɛ ne wɔn a wo ne wɔn yɛ adwuma no mu bi a wuhu sɛ wɔn ani begye Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a aba foforo ho no ho yiye. Afei bɔ mmɔden kɛse sɛ wobɛkɔ wɔn nkyɛn. Fa nsɛmma nhoma a ɛsom bo yi kɔ wɔn mu dodow biara a wubetumi hɔ. Hyɛ wɔn nkuran ma wɔnkra bi. Na mma wo werɛ mfi da sɛ bere a wobɔ mmɔden boa nkurɔfo ma wɔkenkan yɛn nsɛmma nhoma no, na ‘woretow w’abodoo agu nsu ani.’ Bere kɔ so no, wubetumi anya nnipa a wɔbɛba abɛyɛ mfɛfo asuafo daakye.—Ɔsɛnk. 11:1, 6.