Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/98 kr. 8
  • Ehia sɛ Yɛn Afipamfo Te Asɛmpa No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ehia sɛ Yɛn Afipamfo Te Asɛmpa No
  • Yɛn Ahenni Som—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yɛde Mankind’s Search for God Bɛkyerɛ
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Fa Brochure Ahorow Di Dwuma Wɔ Wo Som Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhomawa Ahorow a Yɛde Befi Adesua Ase So
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Brochure Ahorow a Yɛde Bɛhwehwɛ Anigyefo
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1998
km 7/98 kr. 8

Ehia sɛ Yɛn Afipamfo Te Asɛmpa No

1 Ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ‘wogye nnipa ahorow nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.’ (1 Tim. 2:4) Yɛn afipamfo ka ‘nnipa ahorow nyinaa’ no ho. Asɛmpa no a yɛde bɛkɔ wɔn nkyɛn no hwehwɛ sɛ yɛsesa nsɛm a yɛka kyerɛ no mu, na yɛma nea onipa biara a yehyia no ani begye ho ho asɛm hia yɛn. (1 Kor. 9:19-23) Yehowa ahyehyɛde no ama yɛn nnwinnade a ebetumi aboa yɛn ma yɛadu wɔn a “wɔpɛ daa nkwa” no koma mu. (Aso. 13:48, NW) Ma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi de nhomawa ahorow adi dwuma wɔ July ne August mu de adi yɛn afipamfo honhom fam ahiade ho dwuma.

2 Nhomawa Ahorow a Yɛde Bɛma: Wubehu nyansahyɛ ahorow a wɔahyehyɛ wɔ ase hɔ no mu nea ɛfata a wubetumi de adi dwuma bere a wode nhomawa ahorow bi rema no. Nea ɛka nyansahyɛ no mu biara ho ne (1) asɛmmisa a ɛkanyan adwene a wɔde fi nkɔmmɔbɔ ase, (2) baabi a yebetumi anya nsɛm asusuw ho wɔ nhomawa no mu, ne (3) kyerɛwsɛm a ɛfata a yebetumi akenkan wɔ nkɔmmɔbɔ no mu. Wubetumi agyina nea onipa no bɛka so de w’ankasa nsɛm adi dwuma de awie nkɔmmɔbɔ no. Wɔakyerɛ baabi a wubetumi anya asɛm a wɔka kyerɛ de nhomawa dodow no ara ama ho nsɛm a ɛkɔ akyiri wɔ Yɛn Ahenni Som a aba dedaw bi mu.

So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?

Anidaso bɛn na wususuw sɛ ɛwɔ hɔ a yɛde bɛboa nkurɔfo a wɔayɛ wɔn ayayade no?—Nkratafa 27-8, nkyekyem 23-7; Yes. 65:17, 18; km-TW 7/97 kr. 8.

Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?

Dɛn nti na ɛte sɛ nea nnipa pii nni abotɔyam wɔ wɔn asetram nnɛ?—Nkratafa 29-30, nkyekyem 2, 25-6; Dw. 145:16; km-TW 7/96 kr. 8.

Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!

So woasusuw nea Yesu Kristo reyɛ mprempren no ho pɛn?—Mfonini 41-2; Adi. 11:15.

Nniso a Ɛde Paradise Bɛba.

Wopɛ sɛ wuhu Ahenni a Yesu kyerɛe sɛ yɛmmɔ ho mpae no ho nsɛm?—Kratafa 3; Mat. 6:9, 10.

Bere a Obi a Wodɔ No Awu.

So woasusuw sɛnea wɔkyekye obi a ne dɔfo bi awu werɛ ho pɛn?—Kratafa 26, nkyekyem 2-5; Yoh. 5:28, 29; km-TW 7/97 kr. 8.

So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?

So sɛnea Onyankopɔn te ankasa ho ntease a yebenya no fa yɛn daakye ho?—Kratafa 3, nkyekyem 3, 7-8; Yoh. 17:3.

3 Nhomawa Afoforo: Krataa a ɛhyɛ February 1998 Yɛn Ahenni Som mu no bobɔ nhoma foforo a wɔahyɛ da ayɛ sɛ yɛde bedi dwuma de adi wɔn a wogye Afrikafo nananom som di, Buddhafo, Hindufo, Yudafo, ne Nkramofo adanse din a nhomawa ahorow ka ho. Baabi a ɛfata no, yebetumi de saa nhomawa ahorow yi ama nkurɔfo a yehyia wɔn no. Wubetumi asusuw saa krataa a ɛhyɛ mu no mu nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ nkratafa 4-6 no ho aka Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no mu de a ɛwɔ nkratafa 13-16 no ho, na woanya nsɛm a wɔka kyerɛ ntiantiaa a ebetumi akanyan saa nkurɔfo yi anigye no.

4 Wɔasiesie nhomawa foforo ma yɛde aboa nkurɔfo a ebia wonim nhoma yiye nanso wonnim Bible mu nsɛm ahe biara no. Wɔayɛ no ɔkwan bi so a ɛbɛkanyan wɔn ma wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛhwehwɛ Onyankopɔn Asɛm mu. Baabi a ɛfata no wubetumi de nea edidi so yi ama:

Amansan Nhoma.

So wugye tom sɛ Bible mu nsɛm ho nimdeɛ a obi benya ka nhomasua a edi mũ a obi benya ho?—Kratafa 3, nkyekyem 1-3 ne kratafa 30, nkyekyem 2; Ɔsɛnk. 12:9, 10.

5 Nhomawa a Yɛde Yɛ Bible Adesua: Ɛsɛ sɛ Bible adesua ase a yebefi wɔ nsrahwɛ a edi kan anaa sankɔhwɛ a edi hɔ mu no yɛ yɛn botae bere nyinaa wɔ asɛnka mu. Ɛno ho no, yɛwɔ nhomawa a edi hɔ yi a ne dwumadi nyɛ den a yɛde befi ofie Bible adesua yɛ ase:

Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?

So wunim sɛ sɛ wode simma 30 anaa nea ennu saa di dwuma dapɛn biara a, wubetumi ate Bible mu nsɛntitiriw ase bere tiaa bi mu?—Adesua 2, nkyekyem 6; 2 Tim. 3:16, 17; km-TW 3/97 kr. 4.

6 Wɔ Samariani yamyefo ho mfatoho no mu no, Yesu ma ɛdaa adi pefee sɛ ɔyɔnko pa ankasa ne nea oyi ɔdɔ ne ayamye adi, na ɔboa ɔfoforo wɔ n’ahohia mu. (Luka 10:27-37) Yɛn afipamfo wɔ honhom fam ahohia mu. Ehia sɛ wɔte asɛmpa no. Momma yɛmfa nyɛ yɛn asɛyɛde nka asɛm no nkyerɛ wɔn, na yɛnam saayɛ so ada yɛn ho adi sɛ Yesu Kristo asuafo anokwafo.—Mat. 24:14; Gal. 5:14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena