Fa Nhomawa Kanyan Adwene ne Koma Nyinaa
1 Ɛsɛ sɛ yɛka Bible mu nokware no ho asɛm wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛka adwene ne koma nyinaa. Bere a Yesu kaa nokware no ho asɛm kyerɛɛ n’atiefo no, ɔpaw nsɛmti a na wɔn ani gye ho na ɛbɛhyɛ wɔn nkuran. (Luka 24:17, 27, 32, 45) Nkonim a yebedi wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu no gyina mmɔden a yɛbɔ sɛ yebehu yɛn atiefo no honhom fam ahiade no so kɛse.
2 Nhomawa betumi ayɛ adwinnade a etu mpɔn a yɛnam so betumi adu wɔn a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no adwene ne koma mu. Di kan susuw onii pɔtee a obetie nhomawa a yɛde rema August mu no biara mu nsɛm ho:
—So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? Nnipa a wɔn ho akyere wɔn wɔ sikasɛm mu anaasɛ wɔahyia amanehunu bi bɛkyerɛ awerɛkyekyesɛm a ɛfa daakye a amanehunu nnim ho yi ho anisɔ.
—Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw—Wobɛyɛ Dɛn Ahu? Mmofra a wɔredwen wɔn daakye ho anibere so no benya mfaso afi nhomawa yi mu mmuae ahorow a egyina Bible so no mu.
—Nya Asetra Mu Anigye Wɔ Asase So Daa! Mfonini pii ne kyerɛw nsɛm a ɛwom no bɛboa mmofra nkumaa ne wɔn a wɔnhyɛ da nnim akenkan no ma wɔate Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ase.
—Nniso a Ɛde Paradise Bɛba. Ebia obiara a nniso ho asɛm hia no no betie asɛm a ɛfa sɛnea Onyankopɔn Ahenni bedi adesamma haw a emu yɛ den ho dwuma ho yi.
—Bere a Obi a Wodɔ no Awu. Mmusua a wɔn biribi awu no ani gye ho sɛ wobenya saa nhomawa yi bi. Adawurubɔfo a wodi adanse wɔ amusiei ahorow no de saa nhomawa yi kyekye wɔn a wɔredi awerɛhow no werɛ. Anuanom mmea baanu bi kɔɔ abusua bi a emu nnipa yɛ baason a na wɔrebɔ mpae wɔ ɔda bi so nkyɛn. Nea efi awerɛkyekyesɛm a wɔkaa ho asɛm fii nhomawa no mu bae ne sɛ, wɔne ɛna no fii Bible adesua ase n’adekyee!
—So Ɛsɛ Sɛ Wugye Baasakoro no Di? Ebia obi a nyamesom adi ne ti bɛyɛ nokware a ɛwɔ nhomawa a ɛka nokwasɛm de pa Kristoman nkyerɛkyerɛ titiriw yi ho ntama no ho biribi.
3 Di kan hu nhomawa no mu biara mu nsɛm, na hu ɔkwampa a wobɛfa so de adi dwuma wɔ w’asasesin mu. Sɛ wopɛ nsɛm a wɔka kyerɛ ho nyansahyɛ ahorow a, hwɛ July 1998 Yɛn Ahenni Som no akyi. Yehowa nhyira mmɔden a wobɔ sɛ wubedu nkurɔfo adwene ne wɔn komam no so.—Marko 6:34.