Mepɛ sɛ Meyɛ Bible Adesua!
1 Yɛn mu pii ada ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ Bible adesua adi, na ntease pa bi nti na yɛyɛ saa. Bible adesua ne nea yɛnam so du yɛn botae a ɛne sɛ yɛbɛyɛ afoforo asuafo no ho. (Mat. 28:19, 20) Nanso yɛn mu pii ayɛ saa asram pii, ebia mfe bi, a yennyaa anigye titiriw bi mfii nokware no a wɔde kyerɛkyerɛ obi no mu. Dɛn na yebetumi ayɛ wɔ eyi ho wɔ November mu? Esiane sɛ yɛde Nimdeɛ nhoma no rema saa ɔsram yi nti, yebetumi ayɛ nhyehyɛe titiriw bi de afi Bible adesua foforo ase.
2 Fa Dapɛn Awiei Biako Anaa Nea Ɛboro Saa Si Hɔ: Yɛhyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa bere bi nsi hɔ ɔsram yi mfa nyɛ n’adwene sɛ obefi Bible adesua foforo ase. Ɛsɛ sɛ Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo no de adapɛn awiei no si hɔ de ma saa atirimpɔw pɔtee yi, na afei wɔboa wɔn akuw no ma wɔbɔ mmɔden kɛse yɛ sankɔhwɛ.
3 Fa wo sankɔhwɛ kyerɛwtohɔ ka wo ho bra asɛnka nhyiam horow yi. Afei kɔsra wɔn a wɔakyerɛ anigye, wɔagye nhoma, anaa wɔakɔ nhyiam no nyinaa. Sɛ worekɔyɛ nsrahwɛ biara a, fa yɛ wo botae pɔtee sɛ wubefi Bible adesua ase.
4 Monyɛ Bible Adesua Ho Ɔyɛkyerɛ: Wɔ asɛnka nhyiam a moapaw ase no, monyɛ ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye, a ɛkyerɛ sɛnea wofi adesua ase wɔ sankɔhwɛ mu. Wubetumi aka sɛ: “Nnipa pii wɔ Bible, nanso wonnim sɛ ekura nsɛmmisa atitiriw a yɛn nyinaa hyia wɔ asetra mu no ho mmuae. [Fa Nimdeɛ nhoma no mu nsɛmti a wɔahyehyɛ no kyerɛ no, na kenkan atiri 3, 5, 6, 8, ne 9 no nsɛmti no.] Sɛ wokenkan nhoma a wɔde sua ade yi dɔnhwerew biako anaa nea ɛte saa dapɛn biara a, wubetumi anya Bible mu ntease titiriw wɔ asram kakraa bi mu. Sɛ wopɛ sɛ wopaw saa nsɛmti yi mu biako a, m’ani begye ho sɛ mɛkyerɛ wo sɛnea nhyehyɛe no di dwuma.” Sɛ onipa no twentwɛn ne nan ase sɛ obesua nhoma no esiane adagyew a onni nti a, kyerɛkyerɛ mu sɛ yɛwɔ nhyehyɛe a ennye bere pii nso. Fa Ahwehwɛde nhomawa no kyerɛ no, na fa simma 15 kosi 30 ne no nyɛ adesua tiawa bi dapɛn biara.
5 Sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden kɛse sɛ yebefi adesua ase na yɛbɔ mpae sɛ Yehowa nhyira yɛn mmɔdenbɔ so a, akyinnye biara nni ho sɛ yebenya adesua foforo! (1 Yoh. 5:14, 15) Sɛ wopɛ sɛ woyɛ Bible adesua a, eyi betumi ayɛ hokwan a wode befi bi ase.