Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Sept. 1
“Ɛkame ayɛ sɛ nnipa a wɔpɛ nokware wɔ ɔsom biara mu. Nanso ɔsom taa paapae nnipa mu. Dɛn na ɛbɛma nnipa komapafo ayɛ biako? [Sɛ obua wie a, kenkan Sefania 3:9.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛ sɛnea nokware Nyankopɔn no ho nimdeɛ rema nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa ayɛ biako.”
Nyan! Oct. 8
“Yɛn mu dodow no ara susuw sɛ yebenya aduan adi daa. Nanso nnɛ ɛhaw nkurɔfo sɛ ebia nyansahu rema afifide a ɛma yenya aduan no ho aba asɛm. Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ saa ɔhaw no bi ne anidaso a Bible de ma sɛ yebenya ɔhaw no ano aduru ankasa no mu.”
Ɔwɛn-Aban Oct. 1
“Ebia wo ne me bɛyɛ adwene sɛ Onyankopɔn mu gyidi abɛyɛ ade a nnipa pii nkyerɛ ho anigye. Wohwɛ a dɛn nti na ɛte saa? [Sɛ obua wie a, kenkan Hebrifo 11:1.] Nsɛmma nhoma yi ka nokware gyidi, mfaso a ɛwɔ so ne nea ɛbɛto wɔn a wonni bi no ho asɛm.”
Nyan! Oct. 8
“Sɛnea wunim no ‘Akra Nyinaa Da’ yɛ afahyɛ a agye din yiye wɔ nyamesom akuw bi mu. So woanya hokwan asua ne fibea ho ade pɛn? [Twɛn ma ommua.] W’ani begye nsɛmma nhoma yi a asɛm a ɛne ‘Afahyɛ Ahorow a Agye Din—So Ɛyɛ Anigyede a Asiane Biara Nnim?’ wom no akenkan ho.”