Teokrase Ɔsom Sukuu Ma 2002
1 Nnipa dodow no ara bu sɛnea wotumi kasa no adewa. Nanso kasa yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ. Ɛma yetumi ne afoforo di nkitaho na yɛda yɛn nsusuwii ne yɛn nkate adi. Nea ehia titiriw no, yetumi de kamfo yɛn Nyankopɔn.—Dw. 22:22; 1 Kor. 1:4-7.
2 Wɔtete mmarima, mmea, ne foforo wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu na ama wɔaka Yehowa din ho asɛm akyerɛ. (Dw. 148:12, 13) Sukuu dwumadi ma 2002 no fa Bible mu nsɛm pii a yɛn ankasa betumi anya so mfaso na yɛde adi dwuma wɔ ɔsom adwuma no mu ho. Sɛ yesiesie yɛn ho ma sukuu no na yɛde yɛn ho hyem a, yebetumi ama yɛn nimdeɛ akɔ anim na yɛn ho akokwaw kɛse sɛ Onyankopɔn Asɛm akyerɛkyerɛfo.—Dw. 45:1.
3 Kenkan Bible no Da Biara: Sɛ yɛtaa ma Bible bɛn yɛn a, yebetumi de bere biara a yebenya no akenkan. Yɛn mu dodow no ara wɔ bere kakra a yɛmfa nyɛ biribi pɔtee bi a yebetumi de ayɛ saa. Hwɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ anyɛ yiye koraa no yɛbɛkenkan kratafa biako da biara, a ɛno nkutoo betumi ama yɛadi Bible akenkan ho nhyehyɛe a ɛwɔ sukuu nhyehyɛe no mu akyi!—Dw. 1:1-3.
4 Sɛ yetumi kenkan Bible no yiye a, ebetumi aboa yɛn ma yɛadu yɛn atiefo komam na yɛakanyan wɔn ma wɔayi Yehowa ayɛ. Ɛsɛ sɛ anuanom a wɔyɛ Dwumadi a Ɛto so 2 wɔ sukuu no mu no kenkan wɔn dwumadi no den mpɛn pii. Sukuu sohwɛfo no de nkamfo ne nyansahyɛ bɛma na ama wɔn akenkan atu mpɔn.
5 Fa Reasoning Nhoma no Di Dwuma: Dwumadi a Ɛto so 3 ne 4 no gyina Reasoning nhoma no so. Yɛn mu dodow no ara tumi bɔ mmɔden de nhoma a mfaso wɔ so yi di dwuma mpɛn pii wɔ asɛnka mu. Ɛsɛ sɛ anuanom mmea no paw sɛnea wɔbɛyɛ ma afata tebea a wohyia wɔ wɔn asasesin mu. Ɛsɛ sɛ sukuu sohwɛfo no tie sɛnea wɔkyerɛkyerɛ de Kyerɛwnsɛm no di dwuma no yiye.
6 Ɛmmra sɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no bɛboa yɛn nyinaa ma yɛakɔ so de Onyankopɔn akyɛde a ɔde ama yɛn a ɛne kasa no aka asɛmpa no de ayi yɛn Nyankopɔn kɛse, Yehowa ayɛ!—Dw. 34:1; Efe. 6:19.