Asɛmmisa Afã
◼ Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem bere a yɛde telefon a yekura kyin ne pager redi dwuma no?
Ɛkame ayɛ sɛ mfiri a ɛte saa no betumi ama yɛne afoforo adi nkitaho wɔ baabiara a yɛwɔ. Ɛwom sɛ eyi betumi ayɛ nea mfaso wɔ so de, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamma telefon a yekura kyin ne pager a yɛde di dwuma wɔ mmere a ɛmfata mu no antwetwe adwene amfi yɛn som adwuma anaa Kristofo nhyiam horow so. Ɛbɛyɛ dɛn na atumi aba saa?
Sɛ yɛn telefon a yekura kyin anaa pager gyigye wɔ bere a yɛwɔ asɛnka mu redi adanse no a, susuw nea ebefi mu aba no ho. Dɛn na ofiewura no besusuw? Sɛ yegyae gye ɔfrɛ no so a, adwene bɛn na eyi betumi ama ofiewura no anya? Ɛda adi sɛ yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɛremma afoforo ntie Ahenni asɛm no. (2 Kor. 6:3) Enti, sɛ yekura telefon a wɔde kyin anaa pager a, ɛsɛ sɛ yedum no na antwa nea yɛreyɛ anaa afoforo yɛ no mu bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma no.
Na bere a yɛretwɛn afoforo a wɔredi adanse no nso ɛ? Sɛ yɛayi bere bi asi hɔ de yɛ asɛnka adwuma a, so ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si saa adwuma no so? Esiane obu a yɛwɔ ma yɛn som nti, yɛsrɛ sɛ yɛ w’ankasa nnwuma anaa asetra mu nneɛma wɔ bere foforo mu. (Rom. 12:7) Nokwarem no, eyi nkyerɛ sɛ yɛrentumi mfa telefon nni adanse anaa yentumi mfa nyɛ ho nhyehyɛe.
Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye titiriw wɔ telefon a yekura kyin a yɛde di dwuma bere a yɛreka afiri no ho, efisɛ nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ saayɛ ma tumi a yebetumi anya akwanhyia no yɛ kɛse. Ɛsɛ sɛ yedi mmara biara a ɛbara telefon a yɛde di dwuma bere a yɛreka afiri no so pɛpɛɛpɛ.
Yɛkɔ Kristofo asafo nhyiam, amansin ne amantam nhyiam sɛ yɛrekɔsom Yehowa na wakyerɛkyerɛ yɛn. So ɛnsɛ sɛ anisɔ a yɛwɔ ma mmere a yɛde som yi ka yɛn ma yedum telefon a yekura kyin ne yɛn pager na amma antwetwe yɛn anaa afoforo adwene? Sɛ asɛnhia bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma ntɛm a, ɛnsɛ sɛ yedi ho dwuma wɔ beae a yɛahyiam no. Sɛ ɛnte saa a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe di yɛn ankasa ne nsɛm afoforo a ɛmfa ɔsom ho no ho dwuma wɔ mmere a yɛnkɔ nhyiam no.—1 Kor. 10:24.
Ɛmmra sɛ ɔkwan a yɛfa so de telefon a yekura kyin anaa afiri foforo biara di dwuma no bɛkyerɛ bere nyinaa sɛ yesusuw afoforo ho na yɛn ani sɔ honhom fam nneɛma kɛse.