Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/02 kr. 1
  • Kyerɛ Teokrase Nneɛma Ho Anisɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kyerɛ Teokrase Nneɛma Ho Anisɔ
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhoma Ahorow A Yɛde Bedi Dwuma Nyansam No So
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Fa Yɛn Bible Ho Nhoma no Di Dwuma Nyansam
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • So Wubu Yɛn Nhoma no sɛ Ɛsom Bo?
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Fa Yɛn Nhoma Ahorow no Di Dwuma Yiye
    Yɛn Ahenni Som—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2002
km 9/02 kr. 1

Kyerɛ Teokrase Nneɛma Ho Anisɔ

1 Bere a na Ɔhene Yosia reyɛ nhyehyɛe asiesie asɔrefie no, ɔkamfoo wɔn a ɔpaw wɔn sɛ wɔnyɛ adwuma no sɛ: ‘Wɔne wɔn mmmu sika a wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho nkontaa, efisɛ wɔyɛ no nokware mu.’ (2 Ahe. 22:3-7) Anisɔ a na saa mmarima no wɔ ma akronkronne no daa adi wɔ sɛnea wɔde nneɛma a wɔde hyɛɛ wɔn nsa no dii dwuma no mu. Ɛnnɛ, bere a yɛreyɛ Onyankopɔn asɛmpa adwuma kronkron no, ehia sɛ yɛn nso yedi nokware wɔ sɛnea yɛde nneɛma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no di dwuma no mu.

2 Wɔ Asɛnka Mu: Asɛm a ɛho hia a ɛwɔ yɛn nhoma ahorow mu ne sika dodow a wɔde yɛ a yenim no ma yebu no sɛ ɛsom bo kɛse. Ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn nhoma no ma wɔn a wɔnkyerɛ Bible mu asɛm ho anisɔ ankasa no. Sɛ obi kyerɛ asɛmpa no ho anigye kakra a, yebetumi de kratawa ama no sen sɛ yɛde nhoma foforo bi bɛma no.

3 Fa nhoma mema wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ sɛ wubu no sɛ ɛsom bo so. Nnyaw wɔ mmeae a ɔmanfo hyiam a ɛbɛbɔ apete kɛkɛ no. Nea ɛbɛyɛ na woansɛe no no, kan nea wowɔ wɔ fie ansa na woagye bi aka ho. Sɛ wo nsɛmma nhoma no bi ka bere nyinaa a, susuw ho sɛ wobɛtew nea wugye no so.

4 Nhoma a Yɛn Ankasa De Bedi Dwuma: Ɛsɛ sɛ yɛkra nhoma a yehia ankasa no. Ɛsɛ sɛ yɛde anidahɔ di dwuma titiriw bere a yɛrekra Bible a akyi yɛ mmerɛw, Reference Bible, ne nhoma akɛse afoforo, te sɛ Concordance, Index, Insight apo, ne Proclaimers nhoma a ne nyinaa gye sika kɛse ansa na wɔatintim no.

5 So wohwɛ kyerɛw wo din ne w’address wɔ w’ankasa nhoma ahorow mu? Eyi boa ma hia a ehia sɛ wugye nhoma foforo si nea ayera ananmu no so tew. Sɛ wo dwom nhoma, Bible, anaasɛ nhoma bi a yesua yera a, ebia wubehu wɔ nneɛma a ayera a wɔsesaw wɔ Ahenni Asa so anaa nhyiambea no mu.—Luka 15:8, 9.

6 Momma yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛde yɛn nhoma bedi dwuma nyansam. Eyi ne ɔkwan a yɛbɛfa so ada yɛn nokwaredi adi wɔ sɛnea yɛde Ahenni nneɛma a Yehowa de ama yɛn no di dwuma no mu.—Luka 16:10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena