Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/07 kr. 1
  • Ma Ahiafo Nnya Anidaso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Ahiafo Nnya Anidaso
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛnkyɛ, Obiara Renni Hia!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Suasua Yesu Na Hu Ahiafo Mmɔbɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Ohia Awiei Abɛn
    Nyan!—1998
  • Ɛsɛ sɛ Ahiafo Twɛn Kosi Bere Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2007
km 10/07 kr. 1

Ma Ahiafo Nnya Anidaso

1 Yesu maa ahiafo ho asɛm hiaa no paa. Ɛtɔ mmere bi a, na ɔnam anwonwakwan so ma wɔn aduan na na ɔsa ayarefo yare, nanso na nea ehia no paa ne sɛ ɔbɛka “asɛmpa” no akyerɛ ahiafo. (Mat. 11:5) Ɛnnɛ nso, ahiafo ne afoforo kɔ so nya asɛmpa a Kristofo ka no so mfaso.—Mat. 24:14; 28:19, 20.

2 Anidaso Ankasa: Kristoman mu asɔfo taa ka kyerɛ ahiafo sɛ sɛ woyi wɔn yam yi sika de boa asɔre no a, ebesi wɔn yiye. Nanso Bible kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebeyi ohia ne adesamma haw nyinaa afi hɔ. (Dw. 9:18; 145:16; Yes. 65:21-23) Sɛ yefi Bible no mu ma ahiafo hu nea Bible no kyerɛkyerɛ ankasa a, ɛma wonya anidaso, na ɛboa wɔn ma wonya wɔn honhom mu ahiade.—Mat. 5:3.

3 Ná Farisifo a wɔwɔ Yesu bere so no bu ahiafo animtiaa, ma enti na wɔfrɛ wɔn ‘am-ha·’aʹrets, anaa “fam nnipa.” Nanso na Yesu bu “wɔn mogya” anaa wɔn nkwa sɛ ‘ne bo yɛ den.’ (Dw. 72:13, 14) Yebetumi ‘ahu ahiafo mmɔbɔ’ na yɛada ayamye adi akyerɛ wɔn de asuasua Yesu. (Mmeb. 14:31) Ɛnsɛ sɛ yebu nnipa a wɔte ahiafo atrae no animtiaa da, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yebedi wɔn adanse. Nnipa pii a wɔretie Ahenni asɛm no yɛ ahiafo.

4 Boa Wɔn Nnɛ: Bible mu nnyinasosɛm a yɛbɛma ahiafo a wɔte yɛn asasesin mu ahu no bɛboa wɔn ma ahokyere a ohia ma wohyia nnɛ no so atew. Sɛ nhwɛso no, Bible kasa tia asabow, kyakyatow, akwadworɔ, tawanom, ne nneɛma afoforo a ɛde ohia ba. (Mmeb. 6:10, 11; 23:21; 2 Kor. 7:1; Efe. 5:5) Kyerɛwnsɛm no hyɛ nokwaredi ne “ɔkra nyinaa” mu a wofi yɛ adwuma ho nkuran, na eyinom yɛ su a wɔhwehwɛ wɔ adwumayɛfo ho. (Kol. 3:22, 23; Heb. 13:18) Nokwarem no, wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe mu no, adwumawuranom pii kae sɛ su a wɔn ani gye ho paa wɔ nnipa a wɔrehwehwɛ adwuma ayɛ ho ne nokwaredi.

5 Yehowa mmu n’ani ngu amane a ahiafo hu no so. Ɛrenkyɛ, Yesu Kristo begye “ohiani a osu frɛ no” no. (Dw. 72:12) Enkosi saa bere no, yɛwɔ hokwan soronko a ɛne sɛ yɛde anidaso nsɛm a ɛwɔ Bible mu no bɛkyekye afoforo, a ahiafo ka ho no werɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena