Fa Wo Bere Di Dwuma Yiye wɔ Asɛnka Mu
1 Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii wɔ asɛnka mu, na bere a aka no sua. (Yoh. 4:35; 1 Kor. 7:29) Sɛ yedi kan yɛ nhyehyɛe pa a, yebetumi de bere a yɛde kɔ asɛnka no adi dwuma yiye.
2 Siesie Wo Ho: Ansa na wobɛkɔ asɛnka nhyiam no, hwɛ sɛ wowɔ nhoma a wubehia na wunim asɛm a wobɛka. Sɛ wɔde mpaebɔ wie asɛnka nhyiam no a, kɔ w’asasesin mu ntɛm ara. Eyi bɛma wo ne wɔn a wɔne wo bɛkɔ asɛnka no anya kwan ayɛ pii wɔ bere a mode bɛyɛ asɛnka adwuma no mu.
3 Sɛ wo na wobɛhwɛ asɛnka nhyiam no so a, fi ase wɔ bere ano. Ma ɛnyɛ tiawa—ɛsɛ sɛ ɛyɛ simma 10 kosi 15. Ansa na mubefi hɔ akɔ no, hwɛ sɛ obiara anya nea ɔne no bɛkɔ ne asasesin a wɔrekɔyɛ mu adwuma.
4 Bere a Wowɔ Asɛnka Mu: Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, bere a worekyekyɛ adawurubɔfo no, susuw bere a obiara de bɛpɔn ho. Sɛ baabi a mobɛkɔ asɛnka no nyɛ hu pii a, ɛyɛ papa paa sɛ adawurubɔfo baanu baanu bɛyɛ adwuma. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛredi nhwɛso a Yesu yɛe no akyi sɛnea ɛbɛyɛ a obiara de ne bere bedi dwuma yiye wɔ asɛnka mu. (Luka 10:1; Nhyehyɛe nhoma, kr. 86, nky. 2; kr. 108, nky. 2; km-TW 10/04 kr. 8) Sɛ wo ne nnipa dodow bi fa kar kɔyɛ asɛnka adwuma no a, susuw afoforo a ebia wɔretwɛn wo ma woawie nkɔmmɔbɔ bi no ho. Ebia wubetumi afa anifere kwan so atwa obi a ɔpɛ sɛ ɔne wo gye akyinnye no nkɔmmɔbɔ so anaa wubetumi ayɛ nhyehyɛe asan akɔ obi a ɔkyerɛ asɛm no ho anigye no hɔ bere foforo.—Mat. 10:11.
5 Sɛ woreyɛ sankɔhwɛ a, wubetumi akɔ wɔn a wɔwɔ mpɔtam biako no hɔ ansa na woakɔ beae foforo na amma woantwa kwan sɛnea ɛnsɛ. Ebia wubetumi afrɛ ebinom wɔ telefon so ahwɛ sɛ wɔwɔ fie anaa. (Mmeb. 21:5) Sɛ wohwɛ kwan sɛ wobɛkyɛ a, wubetumi ne wɔn a wɔka wo ho no ayɛ nhyehyɛe ma wɔakodi adanse wɔ baabi a ɛbɛn hɔ anaa wɔakɔyɛ sankɔhwɛ foforo.
6 Yɛte bere a honhom fam otwa adwuma kɛse bi rekɔ so mu. (Mat. 9:37, 38) Ɛrenkyɛ, adwuma no bɛba awiei. Enti ɛsɛ sɛ yɛde yɛn bere di dwuma yiye bere a yɛwɔ asɛnka mu no.