Nsɛm a Yebetumi Aka
De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ February mu
“Wususuw sɛ Onyankopɔn wɔ ahyehyɛde bi wɔ hɔ nnɛ, anaasɛ ɔne nnipa ankorankoro nkutoo na edi? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ nea eyi ka fa nnipa bi a Onyankopɔn boaboa wɔn ano sɛ kuw mfe pii a atwam ni no ho nsow.” Bue February 1 Ɔwɛn-Aban no kratafa 26, na wo ne no nsusuw asɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa a edi kan no ase, ne anyɛ yiye koraa no kyerɛw nsɛm a ɛwom no mu biako ho. Fa nsɛmma nhoma no ma no na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.
The Watchtower February 1
“Wɔka Harmagedon ho nsɛm pii nnansa yi. Wususuw sɛ biribi wɔ hɔ a nnipa betumi ayɛ na amma Harmagedon amma? [Twɛn ma ommua.] Ɛha na wonyaa asɛmfua ‘Harmagedon’ no fii. [Kenkan Adiyisɛm 16:16. Afei fa nsɛmmisa a ɛwɔ nsɛmma nhoma no anim no kyerɛ no.] Nsɛmma nhoma yi de nsɛmmisa yi ho mmuae a efi Bible mu ma.”
Awake! February
“Ɛnnɛ, ɛte sɛ nea nnipa pii ani gye ho sɛ wobedi nkitaho wɔ Intanɛt so. So wususuw sɛ asiane bi wɔ nkitahodi a ɛte saa mu? [Twɛn ma ommua.] Nsɛm a ebetumi ama nkitahodi wɔ Intanɛt so ayɛ nea asiane nnim wɔ Bible mu. [Bue kratafa 6-9, na munsusuw nsɛmmisa no mu biako ne kyerɛwsɛm a emu asɛm nni mu no ho.] Nsɛmma nhoma yi bɛboa wo ma woahu asiane a ɛwɔ Intanɛt so nkitahodi mu na woatwe wo ho afi ho.”