Fa Ahotoso Di Adanse wɔ Asasesin a Nnwuma Wom Mu
1. Sɛ yesuro sɛ yebedi adanse wɔ nnwuma mu a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw?
1 So wusuro sɛ wubedi adanse wɔ nnwuma mu? Sɛ saa a, mpa abaw, efisɛ na ɛsɛ sɛ Paulo mpo a ɔyɛ ɔsomfo a onsuro ade no ‘nya akokoduru’ na ama watumi aka asɛm no. (1 Tes. 2:2) Wɔde nsɛnnennen bi a yɛtaa hyia ne sɛnea yebetumi adi ho dwuma ho nyansahyɛ ama wɔ nsɛm a edi hɔ no mu.
2. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma ɛhaw yɛn sɛ adwumayɛfo no bo befuw?
2 So Asɛm no a Yɛbɛka Akyerɛ Adwumayɛfo no Bɛhyɛ Wɔn Abufuw? Wɔ nnwuma pii mu no, adwumayɛfo no yɛ nneɛma de boa ɔmanfo ma enti wɔhwɛ kwan sɛ nkurɔfo bɛba wɔn nkyɛn. Mpɛn pii no, wɔbɛda obu adi akyerɛ wo efisɛ wobebu wo sɛ wopɛ sɛ wɔyɛ adwuma bi ma wo. Sɛ wusiesie wo ho kama, wotew w’anim na woda adamfofa su adi a, ebetumi ama wɔakyerɛ obu ama wo.
3. Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛanhyɛ adetɔfo abufuw?
3 So Ɛsɛ sɛ Meka Asɛm no wɔ Adetɔfo Pii Anim? Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, kɔ sotɔɔ hɔ bere a adetɔfo pii nni hɔ te sɛ bere a wobue sotɔɔ ara pɛ no. Twɛn kosi sɛ wubehu sɛ obiara nni ɔpanyin a ɔwɔ hɔ anaa nea ɔhwɛ hɔ no nkyɛn ansa na woakɔ ne nkyɛn. Ma asɛm a wobɛka no nyɛ tiatiaa.
4. Sɛ yɛreka asɛm no wɔ nnwuma mu a, dɛn na yebetumi aka?
4 Dɛn na Ɛsɛ sɛ Meka? Sɛ adwumayɛfo no dɔɔso a, wo ne ɔpanyin a ɔhwɛ hɔ no nkasa. Wubetumi aka sɛ: “Ɛyɛ den sɛ yɛbɛto adwumayɛfo wɔ fie, enti yɛrebɛsra wo wɔ w’adwumam ha. Minim sɛ woreyɛ adwuma, enti merenkyɛ koraa.” Nea ɛbɛyɛ a wɔremmu yɛn sɛ yɛyɛ adetɔnfo no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛrenka ntoboa ho asɛm gye sɛ wobisa yɛn sɛnea yetua ɛka a yɛbɔ wɔ yɛn adwuma no ho asɛm. Wubetumi agyina adwuma ko a wɔyɛ no so asrɛ adwuma mu panyin no kwan de aka asɛm no tiawa akyerɛ adwumayɛfo no. Ka asɛm ko a wode nam no ara kyerɛ wɔn. Sɛ ɛte sɛ nea odwumayɛni bi nni adagyew a, twa w’asɛm no so na ma no kratawa. Sɛ worentumi ne adwumayɛfo no nkasa a, ebia wɔbɛma wo kwan ma woagyaw nhoma bi ato baabi a wogye wɔn ahome anaa beae foforo bi a wohyiam wɔ hɔ.
5. Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde ahotoso di adanse wɔ nnwuma mu?
5 Yesu ne Paulo de ahotoso kaa asɛm no kyerɛɛ nkurɔfo wɔ wɔn nnwuma mu, enti wo nso wubetumi ayɛ saa. (Mat. 4:18-21; 9:9; Aso. 17:17) Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo mma wunnya ahotoso ne akokoduru. (Aso. 4:29) Nnipa kakraa bi na yɛnto wɔn wɔ wɔn nnwuma mu, enti dɛn nti na wonsɔ ɔkwan a yɛfa so di adanse a ɛsow aba yi nhwɛ?