Yɛbɛkyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 38 wɔ December Mu!
1. Nsɛm bɛn na nkurɔfo taa bisa fa awufo ho, na wɔbɛyɛ dɛn anya saa nsɛmmisa no ho mmuae wɔ December mu?
1 Owu yɛ adesamma nyinaa tamfo, ɛmfa ho nea obi gye di. (1 Kor. 15:26) Nnipa pii bisa sɛ, sɛ onipa wu a, ɛhe na ɔkɔ, na yɛbɛsan ahu no bio? Eyi nti, asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa de ɔsram biako bɛkyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 38, a n’asɛmti ne “So Ɛyɛ Ampa sɛ Awufo Bɛsan Atena Ase Bio?” Yebefi ɔsatu titiriw yi ase December 1. Sɛ yɛyɛ ɔsatu titiriw yi wie a, afei yɛde Ahenni Asɛm a Ɛto so 38 no bɛka nkratawa a yɛde kɔ asɛnka daa no ho.
2. Ɔkwan bɛn so na wɔayɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 38 no?
2 Sɛnea Wɔayɛ No: Wɔayɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 38 yi sɛnea yebebu ato so ma kratawa no asɛmti a ɛkanyan adwene ne nsɛm a ɛne “Wobɛka sɛ . . . yiw? dabi? ebia?” no aba anim. Sɛ ɔkenkanfo no bue Ahenni Asɛm no mu a, obehu asɛmmisa a ɛda kratawa no so no ho mmuae a Bible de ma ne sɛnea Bible bɔhyɛ ahorow betumi aboa no. Afei nso, obehu nea enti a obetumi agye Bible no adi. Wɔabisa asɛm bi a ɛkanyan adwene nso wɔ Ahenni Asɛm no akyi a ɔkenkanfo no bedwinnwen ho. Ɛsan ka sɛ obetumi asua pii aka ho.
3. Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so akyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 38 no?
3 Ɔkwan a Yɛbɛfa so Akyekyɛ: Ɔkwan a yɛfa so kyekyɛ nkratawa a yɛde to nsa frɛ nkurɔfo ma wɔba Nkaedi ne ɔmantam nhyiam no, saa kwan no ara so na yɛbɛfa ayɛ ɔsatu yi. Asafo mu mpanyimfo begyina akwankyerɛ a wɔde ama wɔ krataa a wɔkyerɛw no April 1, 2013 kɔmaa wɔn no so akyerɛ asafo no ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ wɔn asasesin mu adwuma. Asafo ahorow a wɔn asasesin sua no betumi aboa asafo ahorow a ɛbɛn wɔn a wɔn asasesin sõ no. Sɛ woregye Ahenni Asɛm a Ɛto so 38 no bi a, kae sɛ wubegye nea wode bɛma wɔ dapɛn biako pɛ mu. Wɔ ɔsatu bere no mu no, bere a yɛakyekyɛ bi wɔ afie a ɛwɔ yɛn asasesin nyinaa mu awie no, yebetumi ayɛ baguam adansedi de akyekyɛ nea aka no. Sɛ yɛkyekyɛ nkratawa no nyinaa wie na ɔsram no mmaa awiei a, ɛnde, ɛsɛ sɛ yɛde nhoma a yɛde bɛma no yɛ adwuma. Wɔ Memeneda a edi kan no mu no, ɔsatu titiriw yi na yɛde yɛn adwene besi so na mmom ɛnyɛ Bible adesua a yebefi ase. Wɔ dapɛn awiei nso, ɛsɛ sɛ yɛde nsɛmma nhoma ma bere a ɛfata. So woreyɛ nhyehyɛe a ebetumi ama woayɛ pii wɔ ɔsatu titiriw yi mu?