Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb23 September kr. 5
  • Sɛ Obi Poopoo N’ani Kyerɛ Wo a, Fa Wo Ho To Yehowa So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Obi Poopoo N’ani Kyerɛ Wo a, Fa Wo Ho To Yehowa So
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsisi a Yɛbɛde Yɛn Ho Afi Ho
    Nyan!—2003
  • Sɛ Nkurɔfo Sisi Me a, Menyɛ Dɛn?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Sɛ Sukuuni Bi Teetee Me a Mɛyɛ Dɛn?
    Nsɛm 10 a Mmabun Bisa ne Ɛho Mmuae
  • Nsisi—Nea Ɛde Ba no Bi ne Ɔhaw a Ɛwom
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
mwb23 September kr. 5
Abaayewa bi abue biribi wɔ ne fon so de rekyerɛ n’awofo, na ɔreka ne komam asɛm akyerɛ wɔn. N’awofo no ayɛ so retie no.

KRISTOFO ABRABƆ

Sɛ Obi Poopoo N’ani Kyerɛ Wo a, Fa Wo Ho To Yehowa So

Sɛ obi poopoo n’ani kyerɛ wo a, ebetumi ahaw wo paa. Obi a ɔte saa betumi apira wo, na obetumi ama wo werɛ ahow. Obetumi mpo ama wo ne Yehowa ntam ayɛ basaa. Adɛn ntia? Efisɛ, sɛ saa nipa no kasa tia wo som a, anhwɛ a ahunahuna no nti wubegyae Yehowa som. Sɛ obi poopoo n’ani kyerɛ wo a, dɛn na wubetumi ayɛ de abɔ wo ho ban?

Yehowa asomfo bebree wɔ hɔ a, bere a nkurɔfo poopoo wɔn ani kyerɛɛ wɔn no, wɔde wɔn ho too Yehowa so ma ɔboaa wɔn. (Dw 18:17) Obi te sɛ Ester sei, bere a ɔtee sɛ nipabɔnefo bi a yɛfrɛ no Haman ayɛ n’adwene sɛ ɔbɛsɛe Yudafo no, ɔkaa ne nyinaa kyerɛɛ ɔhene a na ɔwɔ hɔ no. (Es 7:​1-6) Nanso ansa na ɔrekɔka asɛm no, odii kan yɛɛ akɔnkyen de kyerɛe sɛ ɔde ne ho ato Yehowa so. (Es 4:​14-16) Yehowa hyiraa nea Ester yɛe no so, na ɔbɔɔ ɔno ne Yudafo no ho ban.

Yɛn nuanom mmerante ne mmabaa, sɛ obi poopoo n’ani kyerɛ mo a, monsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa mo. Afei monka ho asɛm nkyerɛ obi a wanyin a obetumi aboa mo, te sɛ mo papa anaa mo maame. Moyɛ saa a, mubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa mo sɛnea ɔboaa Ester no. Sɛ obi poopoo n’ani kyerɛ wo a, dɛn bio na wubetumi ayɛ?

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN ME MMABUNBERE MU—SƐ OBI SISI ME A, DƐN NA METUMI AYƐ? WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Dɛn na mmerante ne mmabaa betumi asua afi Charlie ne Ferin hɔ?

  • Sɛ awofo pɛ sɛ wɔboa wɔn mma a obi poopoo n’ani kyerɛ wɔn a, dɛn na wɔbetumi afa afi Charlie ne Ferin asɛm no mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena