Hwɛ Yiye Wɔ Nnwom A Ɛsɛe Ɔbra Pa Ho!
“O Yehowa, kyerɛkyerɛ me wɔ wo kwan so, na fa me fa trenee kwan so.”—DWOM 27:11, New World Translation.
1. Dɛn nti na nnwonto akyɛde a Yehowa de mae no yɛ soronko?
YEHOWA NYANKOPƆN fi ɔdɔ mu de dwonto akyɛde maa nnipa. Eyi yɛ n’ayamye a oyii adi kyerɛe wɔ ɔkwan a ɛyɛ soronko so, efisɛ ɛwom sɛ nnwom ho nhia na yɛatumi atra ase de, nanso ɛma nnipa tumi da wɔn nkate horow adi—wɔn awerɛhow, wɔn anigye. (Genesis 4:21) Na etumi de awerɛkyekye ba bere a nnipa werɛ ahow anaasɛ etumi ma anigye no yɛ kɛse wɔ anigye bere mu. Enti, nea ɛfata no, Yakobo kyerɛw mfɛfo Kristofo sɛ: “Obi bo atɔ ne yam anaa“? Ɔnto ayeyi nnwom.”—Yakobo 5:13.
2. Nnwonto ne dwom ne Yehowa som anya abusuabɔ bɛn?
2 Nnwonto ne nnwom yɛ nea wɔde abata Yehowa som ho bere tenteenten. Ne nkurɔfo a wɔtraa ase tete hɔ no de anigye too nnwom de yii no ayɛ wɔ ogye mmere mu. (Exodus 15:1-21; Atemmufo 5:1-31) Onyankopɔn ma wɔhyehyɛɛ nnwontofo kuw ma wɔato dwom wɔ n’asɔrefi hɔ. (Dwom 68:24-26) Yesu Kristo ne n’asomafo no too ayeyi nnwom wɔ Awurade Anwummeduan no akyi. (Marko 14:26) Ɔsomafo Paulo hyɛɛ mfɛfo Kristofo nkuran sɛ wɔnna wɔn nkate ahorow adi wɔ ‘honhom mu nnwom mu, na wɔnto dwom wɔ wɔn koma mu mma Yehowa.’ (Efesofo 5:19) Na de besi nnɛ no, nnwonto yɛ ɔsom fã daa wɔ Yehowa Adansefo mu.
3. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ nnwom wɔ tumi?
3 Akyinnye biara nni ho sɛ dwom wɔ tumi. Etumi ka koma na ɛkanyan nkate ahorow. Enti, wiase aman nnwom ne aperententu ahorow yɛ nea wɔde kanyan ɔman ho dɔ. Wiase sukuu ahorow wɔ “akodi” nnwom ahorow a wɔde kanyan akansifo. Wɔn a wɔbɔ aguadi nneɛma ho dawuru no de nnwom a ɛtwetwe adwene tɔn wɔn nneɛma. Adanse a ɛte sɛɛ a ɛkyerɛ sɛ nnwom wɔ tumi no yɛ nea ɛsɛ sɛ ɛma Kristofo hwɛ yiye.
Dɛn Nti Na Ahwɛyiye Ho Hia?
4. Ɛdefa nnwom ho no, dɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo hwɛ yiye titiriw wɔ ho?
4 Satan Ɔbonsam nso nim tumi kɛse a nnwom wɔ no, na ɛtɔ da bi a ɔde bi dwuma ma ɛka koma na ɛtwe nkurɔfo fi Yehowa ɔsom kronn ho. Esiane eyi nti, ɛho hia sɛ nokware Kristofo ‘bɔ wɔn koma ho ban, efisɛ ɛne nkwa fibea.’ (Mmebusɛm 4:23) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye titiriw sɛ nnwom a yetie no ntwe yɛn mfi “trenee kwan” no ho, nkɔ abrabɔ bɔne a ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam so.—Dwom 27:11.
5. Wɔ nnwom paw mu no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nyiyimu?
5 Yehowa ayi ayamye kɛse adi akyerɛ sɛ ɔde nnwonto akyɛde no maa nnipa. Nanso hwɛ mpɛn dodow ara a wɔde adi dwuma wɔ ɔkwammɔne so! Enti, wɔ nnwom ahorow paw mu no, ɛho hia sɛ yɛyɛ nyiyimu na yɛde nhumu di dwuma. Bere a yɛnto nsɛm a ɛwɔ mu mpo no, mpɛn pii yetumi hu nkate a wɔahyehyɛ nnwom ahorow bi ma akanyan. Wɔ akyirikyiri no na Mose tumi hu sɛ nnwom a wɔreto wɔ Israelfo nsra no mu no ‘nyɛ nkonimdi ho osebɔ gyegyeegye na ɛnyɛ nkogu ho nteɛm gyegyeegye.’ Bere a awiei koraa no obeduu nsra no mu na ohuu sɛnea nkurɔfo no reyɛ no, ohui sɛ na nnwom no yɛ nea ama nkurɔfo no de wɔn ho nyinaa ahyɛ ahonisom mu. (Exodus 32:15-19, 25) Enti ɛho hia sɛ yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no hwehwɛ nkate ko a dwom a yetie no rekanyan no mu. So ɛhyɛ yɛn den anaasɛ ɛyɛ nnwom a ɛbrɛ yɛn ase abrabɔ mu?
6. Ɔkwan bɛn so na Ɔbonsam de nnwom ahorow bi redi dwuma, na Paulo asɛm bɛn na ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow titiriw?
6 Ɔsomafo Paulo hui sɛ Satan pɛ sɛ ɔbrɛ Yehowa nkurɔfo ase anaasɛ ɔsɛe wɔn. Enti, Paulo hyɛɛ mfɛfo gyidifo nkuran sɛ wɔntwe wɔn ho mfi nea ɛnteɛ ho, na obisae sɛ: “Twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ? Na ɔka bɛn na Kristo ne Belial ka?” (2 Korintofo 6:14-17) Ɛnnɛ, Satan nam anifere kwan so de nneɛma ahorow a ɛnteɛ wɔ nnwom mu redi dwuma na ɔnam saa yɛ so rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa nkurɔfo akɔ ɔbrasɛe mu na watwe wɔn afi Onyankopɔn ho. Ɛsɛ sɛ Yehowa adansefo a woahyira wɔn ho so ma wɔn ani da hɔ wɔ asiane ahorow yi ho.
Wo Ne Adaemone No Nyɛ Hwee!
7. Ɛbɛyɛ dɛn na Kristoni atumi ahu sɛ ebia adaemone nkɛntɛnso wɔ dwom bi mu?
7 Wɔ nnwontofo mu no, wɔn a wɔpɛ ahonomhonsɛmdi wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, nnwontofo a wɔagye din no pii de wɔn ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu. Ebinom ka no pefee sɛ wɔsom Ɔbonsam, na Satan nkɛntɛnso taa da adi wɔ wɔn nnwom ahorow no mu. Nanso ɛbɛyɛ dɛn na Kristoni atumi ahu sɛ ebia adaemone nkɛntɛnso wɔ dwom bi mu? Ebinom mu no, krataa kotoku a apaawa no hyɛ mu no ma wohu. Ebia wubehu mfonini ahorow bi wɔ so a nnipa no asiesie wɔn ho te sɛ abayifo, adaemone ne mmonsam. Anaasɛ ebia mfonini a ɛwɔ so no bɛyɛ nea ɛda ahonhonsɛmdi bi adi. Nnwontofo kuw no din anaasɛ dwom a wɔayɛ no din betumi akyerɛ sɛ wɔne adaemone wɔ nkitahodi, na saa ara na dwom no din ne emu nsɛm no nso betumi akyerɛ. Sɛ nhwɛso no, dɛn na wobɛka wɔ nnwom a wɔato din “Ayamhyehye ma ɔbonsam” ne “Ɔdamoa Mma” ho? New York Post bɔɔ amanneɛ sɛ nnwom a ɛtete sɛɛ mu biako ‘gye tom pefee’ sɛ na nnwontofo no ne “Ɔbonsam rebom adi dwuma.”
8. Ɛdenam bɔ a wɔbɔ san akyi so no, nsɛm bɛn na wɔde agu mpaawa ahorow bi so?
8 Wɔakyere nsɛm ahorow bi nso a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia anaa mpo ɛyɛ adaemonesɛm agu mpaawa so wɔ akwan ahorow bi a nnwontofo pii taa de di dwuma so. Bere a wɔbɔɔ saa nnwom a agye din yi mu biako san akyi no, ɛka tĩĩ mu sɛ, “Si gyinae sɛ wobɛnom marijuana.” Sɛ wɔbɔ san akyi a, dwom bi nso a agye din yiye ka sɛ: “Mɛto dwom efisɛ me ne Satan na ɛte. . . . Akyinnye biara nni ho, me dɔfo Satan.”
9. Nsusuwii horow bɛn na obi betumi anya bere a otie nnwom ahorow bi no, na ɔkwan bɛn so na eyi betumi ayɛ nea asiane wom?
9 Ɛyɛ ampa sɛ, nkurɔfo ntaa mmɔ dwom nsan akyi. Nanso, bere a woretie nnwom bi a wɔakyere agu apaawa so, sɛ ebia ɛyɛ nea ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia anaasɛ ɛyɛ adaemonesɛm no, betumi akɔ obi adwene mu ma ɛde nyansahyɛ a ɛmfata ama. Nsɛmma nhoma bi a wɔfrɛ no High Fidelity Magazine daa asɛm bi a adwuma bi a wɔyɛ mpaawa so ahwɛfo no mu biako kae adi sɛ: “Nea nnwom a aba a wɔfrɛ no new rock ne new classical
hwehwɛ no nyinaa yɛ ade koro. . . . ɛsɛ sɛ wode wo ho nyinaa ma no na woma ɛfa w’adwene.” Nanso so nyansa wɔ eyi mu? Adwene a wɔmmɔ ho ban honhom mu no betumi ama adaemone ahyɛn mu!—Fa toto Mateo 12:43-45 ho.
10. Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo bu biribiara a ɛfa adaemonesɛmdi ho no dɛn?
10 Ɔsomafo Paulo kyerɛw ne mfɛfo gyidifo a ɔdɔ wɔn no sɛ: “[Aman no] afɔre a wɔbɔ no, wɔbɔ ma ahonhommɔne, na ɛnyɛ Onyankopɔn, na mempɛ sɛ mo ne ahonhommɔne fa ayɔnko. Muntumi nnom [Yehowa] kuruwa ano; ne ahonhommɔne kuruwa ano.” (1 Korintofo 10:20, 21) Ɔbrasɛe ne ahonhonsɛmdi, anaasɛ biribiara a ɛne adaemonesɛm wɔ nkitahodi no nni afã biara wɔ nokware Kristoni abrabɔ mu.—Deuteronomium 18:10-12; Galatifo 5:19-21.
11. Sɛ Kristoni hu sɛ ɔwɔ nnwom mpaawa ahorow bi a ademonesɛmdi wɔ so a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?
11 Ɛnde, esiane afotu a wofi soro nam honhom so de ama yi nti, sɛ Kristoni hu sɛ ɔwɔ nnwom mpaawa ahorow bi a ɛda adaemone nkɛntɛnso adi a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? Nokware mu no, ɛsɛ sɛ ɔsɛe no, efisɛ ɛnsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo ‘ne adaemone nya ayɔnkofa.’ Wɔ tebea a ɛte saa ara mu no, tete Kristofo a na wɔwɔ Efeso no dii dwuma a wɔantwentwɛn wɔn nan ase, efisɛ yɛkenkan sɛ: “Na wɔn a wɔyɛ asumanne no mu bebree de wɔn nhoma bae bɛhyewee wɔ nnipa nyinaa anim; na wobuu ne bo ano hui sɛ esi nnwetɛbona ɔpeduonum.” (Asomafo no Nnwuma 19:19) Saa “Yehowa adɔfo” no kyii nea ɛyɛ bɔne, na honam fam adehwere no anhaw wɔn. Mmom no, nea ɛyɛɛ honhom mu mfaso kɛse maa wɔn no, wɔsɛee nneɛma a ɛfa adaemonesɛmdi ho no.—Dwom 97:10.
Twe Wo Ho Fi Wiase Yi Honhom Ho
12, 13. (a) Dɛn wiase honhom na mpɛn pii ɛda adi wɔ nnɛyi nnwom ne nnwontofo mu, na wɔada eyi adi wɔ ɔkwan bɛn so? (b) Ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo de Galatifo 6:7 di dwuma dɛn?
12 Saa ara na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu wiase honhom a ɛne hooyɛ a mpɛn pii no ɛda adi wɔ nnɛyi nnwom ne nnwontofo mu no so. (Fa toto Efesofo 2:1-7 ho.) Sɛ nhwɛso no, bere bi a wotwaa nnwonto ɔyɛkyerɛ bi mu no, nnipa mpempem pii a wɔkɔe sɛ wɔrekotie no yɛɛ basabasa, maa Toronto Star bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔde ntumpan, nkɔnsɔnkɔnsɔn ne nneɛma afoforo boroo polisifo 268 wɔ simma 30 basabasayɛ no mu . . . Wobubuu nkongua a na wɔde nnade abobɔ mu afam afasu no ho no. Wɔsoaa nkongua a wɔde nnade ayɛ guguu adehwɛ pon no so. . . . Wotutuu nnade a wɔde hama asesa so de akyekyɛ asa no mu no, na wobubuu faako a wɔtɔn tekit ne Adidibea hɔ mfɛnsere no, na wɔsɛee kar dodow bi mpo wɔ agodibea no akyi.” So ɛsɛ sɛ Kristoni ka nnipakuw a wɔte sɛɛ ho anaa?
13 Wɔ adeyɛ a ɛte sɛɛ ase no, mpɛn pii no wɔnom nsa ne nnubɔne pii. Nea ɛka ho no, agofomma no nnwom ne wɔn nneyɛe kanyan hooyɛ. Ɛda adi pefee sɛ, nnwom a wɔbɔ wɔ bere a ɛtete sɛɛ mu ne adaemonesɛm, nnubɔne ne basabasayɛ a ɛka ho no yɛ nea ɔbrasɛe nkutoo na ebetumi de aba. Ɛnde, so Kristoni betumi atie dwom koro no ara wɔ ne fi a ɛnhaw no anaa? Dabida! Na Yehowa ɔdansefo nokwafo biara nso remmu n’ani ngu Bible mu nnyinasosɛm no so: “Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.”—Galatifo 6:7.
14. Dɛn nti na ɛmfata sɛ yebetie na yɛasaw dwom a ɛhyɛ abrabɔ bɔne ho nkuran ano?
14 Nanso, ebinom ate nka sɛ: ‘Ɛnyɛ nsɛm no nti na mitie dwom no; mepɛ sɛnea egyigye no. Ɛne asaw yɛ dɛ.’ Nanso asiane betumi aba wɔ eyi mu nso. Sɛnea Newport News, Virginia The Times-Herald kyerɛ no, “obi a ɔsaw yiye wɔ disko no betumi asaw anadwo nyinaa a onsusuw dwom no ho mpo, na mmom sɛnea esi gyigye no.” Ampa, ebia dwom no ne asaw bɛyɛ dɛ, nanso dɛn na emu nsɛm no rehyɛ yɛn nkuran ma yɛayɛ? Dɛn na ɛrekɔ obi a otie no adwene mu? Sɛ nhwɛso no, ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa dansefo nokwafo asaw dwom a ɛkɔ so hyɛ no nkuran sɛ ɔnkɔ nkɔbɔ aguamman no ano?—1 Korintofo 6:9, 10.
15. Nneɛma ahorow a enye bɛn na ɛwɔ nnɛyi nnwom ahorow mu?
15 Nanso, nneɛma a ɛsɛe ɔbra pa no nyɛ rock ne disko nnwom nkutoo. Wɔ aman pii so anaasɛ mmeae horow pii no, nnwom ahorow bi wɔ hɔ a nkurɔfo ani gye ho wɔ faako a wɔwɔ no a sɛnea ne ngyigyei te no mfa ho, anaasɛ ɛde nsɛm a ebia nokware Kristofo ani rennye ho di dwuma. Ɛdefa tete nnwom ahorow ho no, asɛm bi a epuei wɔ Raleigh, North Carolina, The News and Observer mu no kae sɛ: “Nnipa a wɔpɛ ahuhusɛm ka ne ahohwibɔ anya tete nnwom mu kyɛfa bere nyinaa, nanso wɔ nnwom abakɔsɛm mu no, wonsii wɔn ahohwibra no so dua kɛse te sɛ nnɛ.” Ɛreka nnɛyi nnwom ahorow a agye din nanso ɛyɛ nnwom a ɛmfata ho asɛm no, The Spokesmon-Review se: “Mmea reto nnwom a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ho anadwo, wɔ mmeae horow a wɔsaw ne mmɔnten so.” So nnwom a ɛtete sɛɛ renyɛ nea ɛsɛe abrabɔ pa?
16. Mmoa bɛn na ɛwɔ hɔ ma obi a ne koma ka no ma otie anaasɛ ɔsaw nnwom a ɛhyɛ aguamammɔ ho nkuran ano no?
16 Mma wo werɛ mfi da sɛ ɔdesani a ɔnyɛ pɛ no koma yɛ nkontomponi, emuɔ. (Yeremia 17:9) So wo koma retwetwe wo ma woatie dwom bi a wunim sɛ ɛnteɛ wɔ Yehowa ani so anaa woasaw ano? Sɛ saa a, hwɛ yiye! Hwehwɛ Onyankopɔn mmoa wɔ mpaebɔ mu sɛnea ɛbɛyɛ na woatumi ‘akɔ so ayɛ nea ɛsɔ Yehowa ani na woatwe wo ho afi esum nnwuma ho.’ (Efesofo 5:10-12; Dwom 5:1, 2) Pow a wobɛpow sɛ wubetie dwom a ɛhyɛ ɔbrasɛe ho nkuran anaasɛ wobɛsaw ano no betumi ayi afoforo a ebia wɔn koma redaadaa wɔn no ntɛn.
17. Ɛdefa nnwom ho no, ɔkwan bɛn so na wugye di sɛ yebetumi de afotu ahorow yi adi dwuma, (a) Efesofo 5:3? (b) Tito 2:11-14?
17 Ebia wɔn a wɔama nhyehyɛe bɔne yi honhom anya wɔn no ani begye nnwom a ɛde ɔbrasɛe ba no ho. Nanso ɛbɛyɛ dɛn na eyi aba saa wɔ nokware Kristofo fam? Wotu wɔn fo sɛ: “Na aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa anaa anibere de, mommma wɔmmmɔ din mpo wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo.” (Efesofo 5:3) So yɛapa ‘mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ’ sɛnea ɛfata? Ɛnde ɛnyɛ nea yɛka nko na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ, na mmom nea yetie nso, na anyɛ nea nnwom a ɛfa ɔbrasɛe ho ka ho. Momma “yɛmfa adwenemtew ne trenee ne onyamesom pa ntra wiase bere yi mu.”—Tito 2:11-14.
18. Ɛdefa yɛn suban wɔ nnwontofo ahorow ho no, nsɛm bɛn na yebetumi abisa?
18 Nanso w’ankasa wote nka dɛn wɔ wiase nnwontofo no ho? Bisa wo ho sɛ: So misuasua ebinom wɔ m’atadehyɛ, sɛnea misiesie me ho ne me kasa mu anaa? Me nkɔmmɔbɔ ahe na ɛfa wɔn ne wɔn nnwom ho? So mede wɔn reyɛ anyame denam ntade a wɔn din anaasɛ wɔn mfonini ahorow wɔ mu a mehyɛ a ɛbɔ nnipa a wɔtete sɛɛ dawuru, anaasɛ wɔn mfonini ahorow a mede bobɔ me dan mu no so anaa? So eyi sɔ Yehowa a ɛsɛ sɛ mesom no no ani? So meredi Bible no afotu a emu da hɔ sɛ ‘yenguan abosonsom’ no so anaa?—1 Korintofo 10:14; Romafo 1:24, 25.
Yiyi Nea Ɛteɛ Ne Nea Ɛnteɛ Mu
19. Ɛdefa nnwom ho no, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ahonim a wɔatete no yiye di dwuma?
19 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Na aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin honhom fam a anem nti wɔn nkatede akokwaw papa ne bɔne mu yiyi ho.” (Hebrifo 5:14) Ɛho hia sɛ Kristofo awofo ne mmofra de anem a wɔatete no yiye yiyi nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ mu. Ɛsɛ sɛ wohu na wɔpow nnwom a ɛmfata nnaadaa ahorow no koraa. Bere a abrabɔ ho adwene a ɛne sɛ “wubetumi ayɛ nea wopɛ biara” no gye ntini kɛse wɔ wiase a Ɔbonsam di so yi ne ne nnwom ahorow mu no, ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo, mpanyin ne mmofra nyinaa, si gyinae sɛ wɔbɛma wɔn abrabɔ ne wɔn soro Agya no gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn no ahyia.—Dwom 119:9-16; 1 Yohane 5:19.
20. Nyansahyɛ bɛn na wɔde ama wɔ aberante anaa ababaa a nnwom a ɛmfata reyɛ anya no no fam?
20 Mma wo werɛ mfi sɛ dwom wɔ tumi. Ebetumi aka wo koma. So wuhu sɛ wiase nnwom a ɛmfata no honhom reyɛ anya wo anaa? Ɛnde yɛ ho biribi ntɛm fa bɔ wo koma ho ban. Sɛ woyɛ abofra a wo ne w’awofo Kristofo mmɔ tebea no ho nkɔmmɔ. Afei nso, bɔ mpae srɛ Yehowa mmoa denam ne honhom kronkron no so.—Mmebusɛm 4:23; Luka 11:13; Galatifo 5:22-24.
21. Ɔkwan bɛn so na awofo Kristofo betumi aboa wɔn mma ma wɔakwati nnwom a ɛsɛe abrabɔ pa?
21 Awofo, dɛn na moreyɛ aboa mo mma ma wɔahu nsonoe a ɛda nnwom a ɛfata ne nea ɛsɛe abrabɔ pa ntam no? Sɛ́ Kristofo no, so wubetumi ama wɔn kwan ma wɔatie nnwom a ɛda adaemonesɛmdi, aguamammɔ, nnubɔne a wɔfa ne basabasayɛ adi no anaa? Ɛnde, ansa na wobɛtɔ apaawa bi anaasɛ wobɛma wo ba atie dwom bi no, gye bere hwehwɛ apaawa no akyi hwɛ sɛ ɛda nkɛntɛnso bɔne bi ho adanse adi anaa. Susuw nnwom no ti ne ne ngyigyei no ho. Sɛ nnwom no nnye a, wo ne wo mma no nka ho asɛm ayamye mu. Wubetumi ada no adi akyerɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa yɛ ‘mmofra wɔ bɔneyɛ mu na wɔyɛ wɔn a wɔanyinyin wɔ ntease mu,’ a wɔnhwehwɛ sɛ wobenya nneɛma bɔne ho nimdeɛ anaasɛ wɔde nneɛma a ɛmfata bɛhyɛ wɔn adwene mu; (1 Korintofo 14:20) Nkɔmmɔbɔ a ɛte saa akyi no, akyinnye biara nni ho sɛ mo ne mo mma bɛtow mpaawa biara a mowɔ a ɛmfata wɔ Kyerɛwnsɛm mu no agu, na mo nyinaa abɔ mo tirim sɛ morentie dwom a ɛsɛe ɔbra pa bio.
22. (a) Dɛn nti na yɛnhwere ade a ɛsom bo biara denam nnwom a ɛmfata a yɛkwati no so? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn suban ne yɛn adwene wɔ nnwom ahorow paw mu?
22 Nnwom ahorow pii wɔ hɔ a ɛfata wɔ Kyerɛwnsɛm mu na ɛhyɛ nkuran, a Ahenni nnwom ahorow a ɛyɛ dɛ a Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa ani gye ho no ka ho. Enti sɛ yɛpow dwom a ɛsɛe ɔbra pa no a, biribi pa biara nni hɔ a yɛhwere. Ɛdenam Bible no ne Kristofo nhoma horow a ɛka ho a yesua daa no so no, momma yɛntete yɛn ahonim ma enyiyi nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ mu. Ɛnde momma yenso nea ɛteɛ no mu. Sɛ dwom bi ne Onyankopɔn trenee gyinapɛn ahorow no nhyia a, pow. Tie n’afotu na gyina pintinn wɔ “trenee kwan no so.” (Dwom 27:11) Ɔkwan biara so no, hwɛ yiye wɔ nnwom a ɛsɛe ɔbra pa ho! Bere koro no ara mu no, nya awerɛhyem sɛ nnwom a wopaw no bɛyɛ nea ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam, nea “ɔma yɛn ade nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no.”—1 Timoteo 6:17.
Wubebua dɛn?
□ Adanse bɛn no yɛwɔ sɛ dwom wɔ tumi?
□ Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ adaemone nkɛntɛnso wɔ dwom bi mu?
□ Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ, sɛ wowɔ nnwom mpaawa ahorow bi a ɛda adaemone nkɛntɛnso adi a?
□ Sɛ obi koma reka no ma wotie anaasɛ wasaw nnwom a ɛmfata ano a, mmoa bɛn no ɛwɔ hɔ?
□ Dɛn na Kristofo awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ma wɔakwati nnwom a ɛmfata?
[Kratafa 9 mfoni]
Nnwom a ɛsɛe ɔbra pa nnye mma Yehowa nkurɔfo
[Kratafa 14 mfoni]
So ɛsɛ sɛ nokware Kristofo suasua wiase nnwontofo wɔ wɔn ntadehyɛ ahosiesie ne ɔkwan a wɔfa so bɔ wɔn bra mu?