Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Bible Mu Nokware ‘Wɔ Tumi’
WIASE yi sɛe bere ne sika pii de bɔ mmɔden sɛ wɔde besiw nnipa abɔnefo nneyɛe ano. Wɔhyɛ nsɛmmɔnedi te sɛ nnubɔne a wɔnom, korɔn, ne awudi ho mmara; nanso saa mmara ahorow yi mma nnipa abɔnefo nyɛ nnipa pa. Nea ɛne eyi bɔ abira no. Onyankopɔn Asɛm, Bible no wɔ tumi a etumi sakra obi, na nnipa a wɔde ne mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow di dwuma no dan nnipa pa, anokwafo ne wɔn a wodwo.—Romafo 12:2.
◻ Sɛ nhwɛso no, Adansefo baanu a wɔwɔ Australia san kɔsraa mmerante pii a wɔnyɛ adwuma. Bere a wɔhyɛn ofi a mmerante no te mu no mu no, wobeduu ɔdan bi a sum wom na wusiw ayɛ mu ma mu. Na marijuana ho nneɛma gugu ɔpon no so na na rock nnwontofo dwumadi ahorow ho dawurubɔ nkrataa tetare ɔfasu no ho. Wohuu akasam kɛse bi wɔ ɔdan no fa baabi. Na ɛyɛ faako a rock nnwontofo sua wɔn nnwom no bɔ. Wotumi ne mmarima yi mu baasa a wɔyɛ honam fam anuanom fii Bible adesua ase. Wɔ mfe bi a na atwam no mu no, na wɔn maame ne Adansefo no asua Bible no denam Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no mmoa so na na ɔde Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa paradise a ɛbɛba daakye ho no akyerɛkyerɛ wɔn. Afei abusua no tui na wogyaee adesua no. Afei, bere a wɔsan hyɛɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma nokware no mu den bio no, ankyɛ biara wɔn nnamfo no mu baanu bɛkaa wɔn ho wɔ wɔn adesua no mu.
Wɔ asram abiɛsa ntam no na wɔn mu biako kɔ asɛnka, na wɔ ɔsram biako akyi no baanu a wɔaka no bɛkaa no ho. Wogyaee nnwonto no, na wɔn asram anan ntam no, na wɔn baasa nyinaa renya asɛnka mu kyɛfa. Wɔ saa bere no mu no, wɔn maame, wɔn nuabarima kumaa, ne wɔn nuabea panyin a waware fii ase suaa Bible no. Wɔ ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔn adamfo foforo kae sɛ wɔne no mmesua Bible no. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ wɔn baanum no nyinaa bɔɔ asu da koro wɔ ɔmansin nhyiam bi ase! Afoforo baanu resiesie wɔn ho ama asubɔ na wɔn maame ne ne babea no kɔ so ara nya nkɔso pa. Ampa, Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi.
◻ Na ɔbarima bi a ɔwɔ Argentina wɔ odwumayeni bi a ɔyɛ onihafo ne ɔdaadaafo a na ɔde ne ka kɛse. Da koro bi odwumayeni no tu yerae. Afei, mfe bi akyi no ɔbarima no hyiaa ne kan odwumayeni no wɔ borɔn bi a ɛbɛn ne fie so. Ne kan odwumayeni no kyia no na ɔkaa sɛ: “Na anka merekɔ wo fi akotua ka a mede wo no. Wo sika no ni. Meda wo ase pii na mesrɛ wo, fa me bɔne kyɛ me sɛ mamfa amma ntɛm.” Esiane sɛ na ɔbarima no ho adwiriw no nti, obisae nea enti a ɔyɛɛ saa. Obuae sɛ: “Mprempren meresua Bible no na meyɛ Yehowa Adansefo mu biako. Bible no ka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde obiara ka gye ɔdɔ. Ɛno nti na mede nea ɛyɛ wo de resan abrɛ wo no.” Ɔbarima no kae sɛ: “Tumi bɛn na Bible no wɔ a etumi ma obi sakra saa?” Wɔne no fii Bible adesua ase, na mprempren ɔno nso resua nokware no esiane nsakrae kɛse a Bible mu nokware no maa ne kan odwumayeni yɛe no nti.
Nnipa komapafo pii a wɔwɔ Argentina no regye Bible mu nokware a ɛma obi sakra no atom na wɔresakra wɔn asetra kwan sɛnea osuahu a edi so yi kyerɛ no.
◻ Ɔdansefo bi ka sɛ, “Da koro bi bere a yɛbɔɔ ɔpon bi mu wɔ asɛnka mu no, yɛtee nteɛteɛm wɔ ofi no mu. Ɔbarima bi pue bae—na na ne bo afuw yiye. Yefii ase kyerɛkyerɛɛ nea enti a yɛbaa hɔ no mu nanso ohunahunaa yɛn sɛ ɔbɛpam yɛn. Yɛkɔɔ so kasae brɛoo ne wɔ odwo kwan so. Nkakrankakra ɔyɛɛ komm. Bere a yehuu eyi no, yɛkyerɛkyerɛɛ Yehowa atirimpɔw ma adesamma a ɛyɛ nwonwa no mu pii kyerɛɛ no. Esiane sɛ ɔbarima no ani gyee eyi ho nti, ɔnam asɛm yi a ɔkae no so maa yɛn ho dwiriw yɛn: ‘Onyankopɔn na ɔsomaa mo baa ha.’ Afei ɔfrɛɛ yɛn kɔɔ fie hɔ. Wɔ hɔ no na ne yere ne ne mma gyina ɔdan no twea so a wɔresu. Afei ɔkae sɛ: ‘Bere a mobae no na merebekum m’abusua ne me ho. Me ho yeraw me! M’adwuma afi me nsa na mprempren wɔretu yɛn afi yɛn fi na mede ka pii a ɛsɛ sɛ mitua.”
Osuahu yi baa awiei wɔ anigye mu. Onuawa bi nyaa adwuma maa ɔbarima no na onyaa ofi foforo. Ɔne ne “yere” fii ase suaa Bible no na ɔkɔyɛɛ ne ho ade bere a wɔatra ase abom mfe 15 akyi no.
Bible mu nokware no wɔ ‘tumi’ sɛnea osuahu ahorow yi kyerɛ no, na ebetumi ada adi saa wɔ obiara a ɔwɔ ahobrɛase koma a obesua Bible no na ɔde adi dwuma no fam.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]
“Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na [tumi] wɔ mu.”—Hebrifo 4:12