Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/01 kr. 7
  • Nsɛmma Nhoma a Wɔsan Kra a Yɛama Ayɛ Mmerɛw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmma Nhoma a Wɔsan Kra a Yɛama Ayɛ Mmerɛw
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Asan Akɔhwɛ Wɔn a Wɔakra Nsɛmma Nhoma a Ɛreyɛ Asa
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Nsɛmma Nhomakra—‘Nyansa Reteɛm’!
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛmma Nhomakra
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Asɛmpa A Wobɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhomakra Wɔ Sankɔhwɛ Mu So
    Yɛn Ahenni Som—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 5/01 kr. 7

Nsɛmma Nhoma a Wɔsan Kra a Yɛama Ayɛ Mmerɛw

Yɛtaa de amanneɛbɔ abien ma bere a Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔatintim ne nea wɔakyere agu kasɛt so a wɔakra no reyɛ asa no. Nea edi kan ne “Expiring Subscription” kratasin a yɛadi kan atintim denam kɔmputa so na yɛde kɔma wɔn a wɔkraa nsɛmma nhoma no denam asafo no so no. Seesei yɛasesa kratasin no ayɛ no fitaa. Yɛnam kratasin yi a ɛso nsɛm biara wɔ kɔmputa so no so tumi yɛ nsɛmma nhoma a wɔrekra bio ho nhyehyɛe ntɛm ara. Eyi ne kratasin a ɛfata a yɛde kra nsɛmma nhoma bio ma afoforo.

Nea ɛtɔ so abien no yɛ kratasin a yɛde ka nsɛmma nhoma no ho anaa yɛde kɔma wɔn a wɔkra kasɛt tee no. Seesei yɛremfa kratasin biara nkɔma wɔn a wɔkra nsɛmma nhoma no bio. Mmom no, yɛbɛkyerɛw agu krataa a nsɛmma nhoma no hyem no so sɛ ɛreyɛ asa. Saa ara na yɛremfa kratasin biara mmena wɔn a wɔkra Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! a wɔakyere agu kasɛt so no bio. Mmom no, yɛbɛkyerɛw nsɛm a ɛkyerɛ sɛ ɛresa no agu kotoku a kasɛt no hyem no akyi. Nanso, ɛdefa anifuraefo a wɔkra nsɛmma nhoma ne nea wɔakyere agu kasɛt so ho no, yɛbɛkɔ so de kratasin a wɔde bɛkra foforo no amena wɔn.

Asɛm a yɛakyerɛw agu krataa a nsɛmma nhoma no hyem ne kotoku a kasɛt no hyem so no bɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ na asa. Sɛ wuhu sɛ yɛakyerɛw sɛ ɛreyɛ asa nanso wo nsa nkaa “Expiring Subscription” kratasin no a, yɛsrɛ sɛ kohu onua a ɔhwɛ nsɛmma nhoma kra so wɔ mo asafo mu no. Ɛsɛ sɛ mode kratasin a mode rekra nsɛmma nhoma bio no fa mo asafo no so bere nyinaa.

Ɛdefa nsɛmma nhoma a moma obi kra wɔ asɛnka mu ho no, asafo no de “Expiring Subscription” kratasin a yɛayɛ no bedi dwuma bere nyinaa. Sɛ mo nsa ka nkratasin yi wɔ mo asafo no mu pɛ a, momfa mma adawurubɔfo a wɔma wɔkraa nsɛmma nhoma no ntɛm ara. Esiane sɛ wɔn a wɔkra nsɛmma nhoma no nsa renka kratasin a wɔde bɛkra nsɛmma nhoma no bio nti, ɛho hia sɛ yekohu saafo yi na yɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔsan kra nsɛmma nhoma no bio.—Hwɛ Yɛn Ahenni Som, November 1988, kratafa 8, ne January 1986, kratafa 8.

Nsɛmma nhoma a ɛyɛ ne bere mu de yi bɛkɔ so de honhom fam hann ama wɔ wiase a aduru sum yi mu. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ mo nyinaa ne yɛn bɛyɛ biako wɔ nhyehyɛe foforo yi mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔkra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no nsa bɛka bi bere nyinaa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena