Yɛmmɔ Mmɔden sɛ Yebenya Nnipa Dodow Biara a Yebetumi
1. Dɛn na tete Kristofo no yɛe de kaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipa dodow no ara?
1 Yesu akyidifo a wodi kan no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛtrɛw Ahenni nkrasɛm no mu. Wɔfaa akwan a etu mpɔn so kaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipa dodow biara a wobetumi anya wɔn. Kristofo a wɔyɛ Bible akyerɛwfo no kyerɛw wɔn nsɛm a efi honhom mu no wɔ Hela kasa a na nnipa dodow no ara ka wɔ Roma Ahemman no mu saa bere no. Bio nso, ebetumi aba sɛ afeha a ɛto so abien ne abiɛsa asɛnkafo a wɔyɛ nsi no na wodii kan de nsaano nkyerɛwee dii dwuma esiane sɛ na emu nhwehwɛmu nyɛ den te sɛ nhoma mmobɔwee no nti.
2, 3. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesaia 60:16 renya mmamu nnɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔde mfiri redi dwuma ama nokware som anya nkɔso?
2 Mfiri a Wɔde Di Dwuma: Yehowa nam odiyifo Yesaia so hyɛɛ nkɔm sɛ: “Wubenum amanaman nufu.” (Yesaia 60:16) Wɔ nkɔmhyɛ yi mmamu a ɛrenya nnɛ mu no, Yehowa asomfo de amanaman no nneɛma a ɛsom bo redi dwuma de ama asɛnka adwuma no akɔ so. Sɛ nhwɛso no, Bible Asuafo no fii ase yii “Photo-Drama of Creation” ho sini wɔ 1914 mu ansa na nkurɔfo retumi ayi sini a emu nnipa kasa no akyerɛ ɔmanfo agye ho sika. Saa sini a emu nnipa kasa na mfonini no ba kɔla a na wɔde nnɔnhwerew awotwe yi no dii nnipa ɔpepem pii adanse kɛse.
3 Ɛnnɛ, Onyankopɔn nkurɔfo de mfiri a wɔde tintim nhoma ntɛmntɛm ne kɔmputa ahorow di dwuma de tintim Bible ne Bible ho nhoma horow wɔ kasa pii mu. Wɔnam akwantu nhyehyɛe a ɛyɛ ntɛm so de Bible ho nhoma mena asase so mmeae a ɛwowɔ akyirikyiri ma nnipa a wɔwɔ aman 235 so nsa ka. Yehowa nam ne honhom so akanyan n’asomfo ma wɔde mfiri a ɛte saa di dwuma wɔ ɔkwan a mfaso wɔ so so, na ama nnipa pii ate Bible mu nokware no sen bere biara wɔ abakɔsɛm mu.
4. Nsakrae bɛn na ebinom ayɛ wɔ wɔn asetram sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nnipa pii aka asɛmpa no akyerɛ wɔn?
4 Asetram Nsakrae a Wɔyɛ: Wɔahyɛ nokware asomfo nkuran ma wɔayɛ nsakrae wɔ wɔn asetram sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi anya nnipa pii aka asɛmpa no akyerɛ wɔn. Wɔn mu pii ayɛ wɔn ho awiɛmfoɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ asɛnka adwuma no kɛse. Ebinom atu kɔ mmeae a wohia Ahenni adawurubɔfo pii akɔsom wɔ hɔ. Afoforo nso atrɛw wɔn som adwuma mu denam ɔman foforo so kasa a wosua so.
5, 6. Dɛn na yebetumi ayɛ de anya nnipa pii a wɔwɔ yɛn asasesin mu no?
5 Bio nso, yebetumi anya nnipa pii aka asɛmpa no akyerɛ wɔn denam asɛnka a yɛbɛkɔ bere a nkurɔfo wɔ fie ne faako a yebenya wɔn a yɛbɛkɔ hɔ no so. Sɛ nkurɔfo a wɔwɔ w’asasesin mu no nni fie awia a, wubetumi ayɛ nsakrae wɔ wo bere nhyehyɛe mu akɔ adansedi anwummere? Mmeae bi wɔ hɔ a ɔmanfo hyiam a wubetumi adi adanse? Woasɔ telefon so adansedi ne nsasesin a wɔyɛ nnwuma wom adansedi ahwɛ? Wohwehwɛ hokwan a wode bedi adanse bɔnnɔ so?
6 Hwɛ hokwan kɛse ara a yɛanya sɛ yɛrenya Yehowa din ne N’ahenni ho adansedi adwuma kɛse no mu kyɛfa! Momma yɛnkɔ so nka Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛma nkwa no nkyerɛ nnipa dodow biara a yebetumi.—Mat. 28:19, 20.