Ɔfã 11—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
Boa Asuafo Ma Wɔnyɛ Sankɔhwɛ
1 Sɛ Bible suani bi fi asɛnka ase a, obehyia nnipa a wɔn ani gye asɛmpa no ho. Yɛbɛyɛ dɛn aboa ɔdawurubɔfo foforo yi ma wayɛ sankɔhwɛ a etu mpɔn na wagugu anigye no so nsu?
2 Ahoboa a wɔyɛ ma sankɔhwɛ no fi ase bere a edi kan a yɛkɔ obi nkyɛn no. Hyɛ osuani no nkuran ma n’ani nkũ nnipa a odi wɔn adanse no ho. (Filip. 2:4) Tete no nkakrankakra ma onhu sɛnea ɔde nsɛmmisa bɛtwetwe ofiewura no ma wakyerɛ n’adwene, watie ofiewura no na wahyɛ nsɛm a ehia no no nsow. Sɛ obi kyerɛ asɛm no ho anigye a, ma ɔdawurubɔfo foforo no nkyerɛw nsrahwɛ no ho nsɛntitiriw nto hɔ. Boa no ma ɔmfa saa nsɛm no nhyehyɛ nkɔmmɔ a ɔbɛbɔ akyiri no.
3 Ahoboa ma Sankɔhwɛ: Munsusuw nsrahwɛ a edi kan no ho, na kyerɛ osuani no sɛnea ɔbɛpaw Ahenni nkrasɛm no fã bi a ofiewura no ani begye ho. (1 Kor. 9:19-23) Mommom mfa kyerɛwsɛm biako nsiesie asɛntiaa bi a egyina nhoma a wobesua no mu nkyekyɛm biako so. Afei nso, mompɛ asɛm biako a sɛ mobɔ nkɔmmɔ no wie a obebisa ofiewura no de ato fapem ama nsrahwɛ a edi hɔ no. Kyerɛ onua foforo no sɛnea ɔbɛma onipa no asua ade foforo afi Onyankopɔn Asɛm mu wɔ nsrahwɛ biara mu.
4 Nea mfaso wɔ so bio ne sɛ wobɛkyerɛ osuani no nnianim asɛm tiawa bi. Okyia ofiewura no wie a, obetumi aka sɛ: “M’ani gyee nkɔmmɔ a ɛda no yɛbɔe no ho na masan aba ne wo rebesusuw Bible mu asɛm a ɛfa [ka asɛmti no].” Ɛtɔ da a yɛkɔto nnipa foforo mmom wɔ fie hɔ. Ɛho behia sɛ wokyerɛ ɔdawurubɔfo foforo yi nea ɔbɛyɛ wɔ ɛno ho.
5 San Kɔ Hɔ Ntɛm: Hyɛ osuani no nkuran ma ɔnyɛ ntɛm nsan nkɔsra wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye nyinaa mfa nyɛ nhwɛso pa. Ebia ebehia sɛ ɔbɔ mmɔden kɔ obi fie ntoatoaso ansa na ne nsa aka no. Kyerɛkyerɛ osuani no sɛnea ɔbɛyɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe na boa no ma onhu hia a ehia sɛ odi ne bɔhyɛ so. (Mat. 5:37) Tete ɔdawurubɔfo foforo yi ma ɔmfa ayamye, tema ne obu nhwehwɛ wɔn a wɔte sɛ nguan no na ɔnkɔ so ngugu wɔn anigye no so nsu.—Tito 3:2.