Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/05 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase July 11
  • Dapɛn a Efi Ase July 18
  • Dapɛn a Efi Ase July 25
  • Dapɛn a Efi Ase August 1
Yɛn Ahenni Som—2005
km 7/05 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase July 11

Dwom 49

8 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Sɛ nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 no fata mo asafo no asasesin a, fa yɛ sɛnea wɔde July 1 Ɔwɛn-Aban ne July 8 Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Mubetumi afa akwan foforo a ɛfata so de ama. Wɔ ɔyɛkyerɛ no mu no, kyerɛ ɔkwan foforo a wɔfa so bua obi a ɔka sɛ “Minni adagyew” de si nkɔmmɔbɔ kwan no.—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no kr. 11.

20 min: Nhomawa a Yɛde Bɛma Wɔ July ne August Mu. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu so. Kyerɛkyerɛ sɛnea yɛde krataa a ɛhyɛ mu yi mu nsɛm bedi dwuma mu tiawa, na si adaka a ɛwɔ kratafa 3 ne nsɛntitiriw a ɛwɔ January 2005 Yɛn Ahenni Som, kratafa 8 no so dua. Munsusuw nyansahyɛ a ɛfata mo asasesin no mufo ho a ɛbɛma mode nhomawa ama wɔ nsrahwɛ a edi kan no ara mu. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ abien anaa abiɛsa. Anyɛ yiye koraa no, ma abofra a ɔyɛ ɔdawurubɔfo nyɛ ɔyɛkyerɛ no mu biako.

17 min: “Yɛmmɔ Mmɔden sɛ Yebenya Nnipa Dodow Biara a Yebetumi.”a Sɛ moresusuw nkyekyɛm 5 ho a, tĩ nyansahyɛ a wɔde mae wɔ June 2005 Yɛn Ahenni Som kratafa 8, a ɛfa nnipa a wɔwɔ mo asasesin mu ho no mu.

Dwom 196 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 18

Dwom 173

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw asɛm a ɛwɔ August 15, 2000, Ɔwɛn-Aban, kratafa 32 no ho tiawa. Si mfaso a yenya fi Bible akenkan ho nhyehyɛe pa a yekura mu wɔ bere mpo a ahomegye bere ne nneɛma afoforo ma yɛsakra nea yɛyɛ no daa mu no so dua.

15 min: “Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ—Ɔfã 11.”b Ma obi a ɔyɛ Bible adesua ne ɔdawurubɔfo foforo nyɛ ɔyɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛnea wɔabom resiesie wɔn ho akɔ sankɔhwɛ. Wosusuw nsɛm a wɔka kyerɛɛ ofiewura no bere a edi kan a wɔkɔɔ hɔ no ho na wɔpaw asɛmpɔw a ɛfata a wobetumi ne no asusuw ho wɔ sankɔhwɛ no mu. Wɔsan siesie nnianim asɛm ne asɛm tiawa a wobetumi abisa wɔ nsrahwɛ no awiei. Wɔde ɔyɛkyerɛ no ba awiei bere a wɔayɛ sɛ wɔrebɛbobɔ nsɛm a wɔasiesie no so no.

20 min: Boa Afoforo ma Wonnye Bible no Nni. Asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ a egyina Som Nyankopɔn nhoma no kratafa 24 kosi 25, nkyekyɛm 3 kosi 6 so. Fa nsɛmmisa a ɛwɔ nhoma no ase no di dwuma. Fa nsɛm a ɛwɔ Amansan Nhoma nhomawa no kratafa 32 ka ho.

Dwom 10 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 25

Dwom 138

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sikasɛm ho amanneɛbɔ ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka ntoboa a mode menae no kyerɛ. Sɛ nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 no fata mo asafo no asasesin a, fa yɛ sɛnea wɔde July 15 Ɔwɛn-Aban ne July 22 Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Mubetumi afa akwan foforo a ɛfata so de ama. Wɔ ɔyɛkyerɛ biako mu no, ma wɔnkyerɛ sɛnea wɔnam bɔnnɔ so de nsɛmma nhoma ma wɔ guaso anaa wɔ baguam baabi a ɛfata.

15 min: Fa Nokware no Dua Wo Ba Koma Mu. (Deut. 6:7) Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina August 15, 2002, Ɔwɛn-Aban, kratafa 30 kosi 31 so. Si Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛma ɔwofo Kristoni a ne hokafo nyɛ Ɔdansefo no nya abayɛn ho akwankyerɛ no so dua.

15 min: “Yɛde Nkurɔfo Ka.”c Fa nsɛm a ɛwɔ July 1, 2000, Ɔwɛn-Aban, kratafa 11, nkyekyɛm 13 ka ho.

Dwom 82 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase August 1

Dwom 187

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa July asɛnka akontaabu mmra. Ma atiefo mmue Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 70, na yɛ no sɛ atiefo nkɔmmɔbɔ ne wɔn nsusuw nkyekyɛm 1 kosi 2 ne adaka “Sɛnea Wɔma Mmuae Wɔ Nhyiam Ase” ho.

15 min: “Boa Wo Mma Ma Wontu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu.” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Ma ɔwofo ne ne ba mfa asɛm tiawa a wɔka kyerɛ nyɛ ɔyɛkyerɛ. Ɔwofo no kyerɛkyerɛ ntoboayi ho nhyehyɛe no mu tiawa kyerɛ ofiewura no de ɔyɛkyerɛ no ba awiei.

15 min: Woabɔ Mmɔden sɛ Wobɛsakra Ɔkwan a Wofa So Ka Asɛm no Mu? Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina March 2005 Yɛn Ahenni Som, krafata 6 so. Munsusuw nyansahyɛ a wɔde ama no ho na kyerɛ sɛnea yebetumi asakra ɔkwan a yɛde nhoma bɛma wɔ August mu no mu. Ma wɔmfa emu biako anaa abien nyɛ ɔyɛkyerɛ.

Dwom 218 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena