Fa Yɛn Wɛbsaet no Yɛ Adwuma Asɛnka Mu—“Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae”
Wokɔ jw.org so na wokɔ “Bible Nkyerɛkyerɛ” afã hɔ a, wobɛhunu ɛfã bi a wɔato din “Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae.” Sɛ yɛhunu nsɛm a nkurɔfoɔ taa bisa a ɛwɔ ɛfã yi a, ɛbɛboa yɛn na sɛ obi bisa saa nsɛm no bi a yɛakyerɛ no ama wɔakɔ yɛn Wɛbsaet hɔ akɔkenkan Bible nkyerɛkyerɛmu a wɔde agu hɔ no. Yɛkɔ asɛnka a, yɛbɛtumi nso de saa nsɛmmisa no bi afiri nkɔmmɔbɔ ase. Yɛbɛtumi ahwɛ nsɛmmisa no mu ayi nea asasesini no mufoɔ ani bɛgye ho. Enti yɛhyia obi a, yɛbɛbisa no ma wakyerɛ n’adwene wɔ ho. Afei yɛbɛhwɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ jw.org so no akyerɛ no nea Bible ka fa saa asɛm no ho. Ɛno akyi no, yɛbɛtumi akyerɛ no baabi a yɛnyaa yɛn asɛm no firiiɛ. Wopɛ nso a, wobɛtumi ama ɔno ara akenkan mmuaeɛ no afiri Wɛbsaet no so. Ɔhwɛfoɔ kwantuni bi yere taa ka asɛm bi de firi ne nkɔmmɔbɔ ase, na aso aba paa. Ɔtaa ka sɛ: “Asɛm bi wɔ hɔ a ɛkyere nnipa pii adwene, ‘Onyankopɔn na ɔma yɛhunu amane anaa?’ W’ani bɛgye ho sɛ wode anibuo 51 pɛ bɛnya asɛmmisa yi ho mmuaeɛ?” Watwe asɛmmisa no ho mmuaeɛ agu ne fon so, enti ɛreyɛ ara na wabɔ akyerɛ efiewura no. Ɛsi a, na waka Bible Kyerɛkyerɛ nwoma no ti 11 no ho asɛm akyerɛ no.