AIDS Wɔ Afrika—Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Mfirihyia Apem Foforo Yi?
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ ZAMBIA HƆ
SEPTEMBER a etwaam no, Afrika aman horow bi mu ananmusifo kohyiaam wɔ Lusaka, Zambia, kɔyɛɛ Amanaman Ntam Nhyiam a Ɛto so 11 a Ɛfa AIDS ne Nyarewa Foforo a Wonya Fi Nna Mu Ho (STD) Wɔ Afrika. Atirimpɔw biako nti a wɔyɛɛ nhyiam no ne sɛ wɔn nyinaa bɛyɛ biako na ama wɔatumi anya asɛmmisa a ɛne sɛ, Yɛbɛyɛ dɛn asiw AIDS a ɛretrɛw no ano wɔ Africa?, no ho mmuae.
Ɔbenfo Nkandu Luo a saa bere no, na ɔyɛ apɔwmuden Soafo wɔ Zambia no kae sɛ, ɔhaw a ɛwɔ Afrika ne aman foforo a ennyaa nkɔso pii mu no “yɛ nea anibere wom ankasa,” na ɔka kaa ho sɛ “ɛte sɛ nea nkɔso bi a wɔanya wɔ akwahosan, asetra ne sikasɛm mu no nkosi hwee.”
Ɔkasa ahorow bi a wɔma faa mogya mu nhwehwɛmu ho no daa no adi sɛ AIDS yare no trɛw denam mogya a wɔde ma nkurɔfo no so. Oduruyɛfo bi a ɔyɛ Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Mogya Mu Nhwehwɛmu So no nanmusifo no kae sɛ, ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na sɛ obi a ɔwɔ HIV ne onipa foforo da a, ɛbɛsan no de, nanso—sɛnea ɛte biara—sɛ wɔde obi a ɔwɔ AIDS mogya ma obi a, obenya bi! Oduruyɛfo yi kaa no pen sɛ “nea eye paa ne sɛ wonnye mogya koraa.”
Wosii so dua wɔ nhyiam no ase sɛ nnuru a wɔde sa AIDS no bo a ɛyɛ den yiye no mma wɔn a ebi ayɛ wɔn no ntumi ntɔ. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, akatua a wɔde ma Ugandani biara a ɔte kurow kɛse mu ɔsram biara no yɛ dɔla 200. Nanso, nnuru a wɔde sa AIDS no bi bo tumi du dɔla 1,000 ɔsram biako mu!
Lusaka nhyiam no ada no adi sɛ wonnyaa AIDS a ɛretrɛw no ho anidaso pa biara wɔ mfirihyia apem foforo a yɛahyɛn mu no mu. Nanso, wɔn a wosua Bible no nim sɛ awiei koraa no, Ɔbɔadeɛ Yehowa Nyankopɔn, bɛma yare to atwa efisɛ ɔhyɛ bɔ sɛ wɔ ne wiase foforo no mu no, ‘obiara renka sɛ, meyare.’—Yesaia 33:24.
[Asase Mfonini/Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]
Ɔbenfo Nkandu Luo
[Asɛm Fibea]
Photograph by permission of E. Mwanaleza, Times of Zambia