So Bere Aso sɛ Wotɔ Mpa Foforo?
Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Britain hɔ
Sɛ edu anadwo a, wuntumi nna, ma enti wopere sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya baabi pa ada wɔ wo mpa so, anaasɛ ade kye a wote nka sɛ wo honam yɛ wo yaw? Sɛ ɛte saa a, ɛnde ebetumi aba sɛ wo mpa ho wɔ asɛm.
MPA yi betumi ayɛ nea w’ani gye ho anaa nea w’ani nnye ho. Sɛ wote ɔman a wɔda mpa so mu a, ɛda adi sɛ wode wo nkwa nna mu nkyem abiɛsa mu biako da bi so, nanso ɛyɛ dɛn ara a, mpa no bɛsɛe. So mpa a woda so mprempren no ye?
So Wuhia Mpa Foforo?
Mpa dodow no ara tumi di mfe du. Obi a ne mu yɛ duru mpa tumi sɛe ntɛm. Kae nso sɛ bere a worenyin no, nneɛma a wuhia na w’ani gye ho no tumi sesa. Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛ wuhia mpa foforo a, bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ meda nyan a, mintumi ntwa me kɔn anaasɛ mete sɛ m’akyi yɛ me yaw? So me mpa sua dodo? So mpa no so da so anaasɛ atotɔ mu? Sɛ medan me ho a, mete sɛ ɛyɛ dede? Me ne me yere ntumi nna mpa no so dinn bere a yɛmpɛ sɛ obiara ho bɛka ne yɔnko no? So mpadua no te apɔw? So mpa no nan ne ntwahonan a ɛhyehyɛ ase no awewe?’ Nsɛm yi ho mmuae a wubenya no bɛma woahu sɛ ehia sɛ wunya mpa foforo.
Mpa Bɛn na Ɛyɛ Papa?
Mpa papa ma wunya ahotɔ, na w’ani tumi gye biribiara a wɔde yɛe no ho. Sɛ yɛka mpa a, nea ɛkyerɛ ne mpadua a ɛpa da so, nanso sɛ w’ani begye ho a, egyina ɛpa no so. Mpa wɔ afa ahorow pii. Nea edi kan ne ntama a ɛyɛ den a wɔde dura ho nyinaa no. Nea edi hɔ ne nnuraho a etumi ma mpa no so yɛ fɔmm na ɛmma ɔhyew nnyina wo mu no. Nea ɛtɔ so abiɛsa ne nnade nketenkete a wɔakoakoa no ahyehyɛ ɛpa no mu ma enya ahoɔden no. Dade nketenkete no gu ahorow, nanso, sɛ ɛdɔɔso na ɛyɛ den a, ɛma mpa no nso nya ahoɔden. Ɛpa a agye din paa nnɛ ne nea wɔde amane ayɛ no; emu yɛ hare sen nea wɔde nnade ahyehyɛ mu no.
Nanso, mpɛn pii no, sɛ mpadua no ye a, ɛma mpa no nyinaa yɛ nea ɛfata. Mpa a wɔayɛ mpadua no ne ɛpa no abom nso wɔ hɔ. Wɔayɛ no te sɛ akongua ahinanan na emu yɛ tofoo, na eyi ma etumi kyɛ. Foforo nso ne nea wɔayɛ a wɔde ɛpa to so no. Ɛyɛ mpadua a wɔde nnua abeabea mu a ɛma mframa tumi fa ɛpa a wɔde amane ayɛ no ho. Nnua a ɛyɛ den a wɔde gu mpa no so no ma ɛpa no te apɔw, na nnade nketenkete a wɔde hyehyɛ ɛpa no mu no ma ɛyɛ mmerɛw.
Mpa a Ɛsɛ sɛ Wotɔ
Sɛ woretɔ mpa a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ woma ɛtra w’adwenem? Sɛ ɛyɛ mpa a obi ada so pɛn a, ɛda adi sɛ afoforo ho fifiri akɔ mu na wɔn honam ahwane agu so ma enti obi foforo a ɔbɛda so no betumi anya yare te sɛ ntehyewa anaa honam ani yare. Ɛremma wonnya akwahosan pa anaa ahobammɔ.
Ansa na wobɛtɔ mpa no, ɛfata sɛ wudi kan susuw nneɛma te sɛ, ne bo, haw a ebetumi ahaw w’akwahosan, anaa ne kɛse ho. Gye bere pii kɔhwehwɛ sotɔɔ a agye din mu fa bisabisa mpa anaa ɛpa biara ho nsɛm yiye. Esiane sɛ mpa bo taa yɛ den nti, mpere wo ho bere a woredi bi ano no.
Sɛ wopere wo ho a, entumi mma wompaw nea eye. Hyɛ atade pa. Mfɛre sɛ wobeso mpa bi mu ahwɛ. Worɔ wo koot ne wo mpaboa na da mpa no so kakra. Da mpa no so baabiara, na hwɛ sɛnea w’abati, wo dwonku, ne wo sisi bɛyɛ wo.—Hwɛ adaka mu asɛm a ɛwɔ ase hɔ no.
Wo Mpa a Wobɛhwɛ No Yiye
Sɛ wohwɛ wo mpa yiye a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛkyɛ. Bisa ɛho akwankyerɛ fi wɔn a wɔtɔn no hɔ, na gye bere kenkan akwankyerɛ nhoma a efi wɔn a wɔyɛe no hɔ no. Sɛ wode wo mpa a woatɔ no ba fie pɛ a, yi rɔba a wɔde akata ho no. Eyi remma ɔhyew nnyina mu na ɛpɔ angu wo. Nyansahyɛ kakraa bi ni.
● Dan ɛpa a nnade hyehyɛ mu no dapɛn anaa dapɛn abien biara wɔ asram a edi kan no mu na ɛno akyi no, dan no asram abiɛsa biara. Eyi bɛma nnade no agyina sɛnea ɛte no ara bere nyinaa na ama ɛpa no atɔ so. Sɛ w’akyi taa tutu wo a, ɛsɛ sɛ wotɔ ɛpa a wɔde amane ayɛ, esiane sɛ ɛho nhia sɛ wodandan no pii.
● Ɛnsɛ sɛ wubuka ɛpa no mu, anaasɛ wobobɔ. Nea ɛbɛyɛ na ntama a edura ho no antetew no, ɛsɛ sɛ woso nsomu no mu bere a woredan no no.
● Anɔpa biara yi wo mpasotam hata mu simma 20 sɛnea ɛbɛyɛ a mframa betumi afa ɛpa no mu na ama fifiri biara afi mu.
● Fa nnuraho a wotumi si siesie wo mpa so na ama ɛso ayɛ fɛ. Popa efĩ ne mfuturu biara fi ho da biara, na fa samina ne nsuonwini hohoro nkekae biara a aba ho no.
● Ntra faako wɔ mpa no ano bere nyinaa. Mma abofra anaa obiara nnhuruhuruw wɔ mpa no so.
Wo mpa som bo sen sika a wode hyɛ adwuma mu no koraa. Ɛsom bo wɔ wo nkwa nna nkyem abiɛsa mu biako mu—na ɛboa kɛse wɔ wo nkwa nna a aka no nso mu. Sɛ wohwɛ mpa a woda so no yiye a, ɛso bɛba wo mfaso kɛse.
[Adaka wɔ kratafa 20]
Mpa Bɛn na Eye Ma Wo?
Mpa a ɛso da yɛ dɛ. Ɛho nhia sɛ wo mpa so yɛ den te sɛ dua ansa na atumi aboa wo. Wɔka mpo sɛ mpa a ɛyɛ den pii no tumi ma obi akyi yɛ no yaw. Tɔ nea eye ma wo nipadua no. Da ayeya. Sɛ wutumi de wo nsa hyɛ w’akyi na wutumi dan wo ho a ɛntom a, na ɛkyerɛ sɛ mpa no den yɛ nea ɛfata. Sɛ woda wo nkyɛn mu wɔ mpa a eye so a, ɛsɛ sɛ ɛma w’akyi berɛmo no teɛ. Obi a ɔso no behia mpa a ɛyɛ den.
Ne kɛse. Tɔ mpa a wubetumi adannan wo ho wɔ so. Sɛ nnipa baanu na ɛsɛ sɛ wɔda mpa no so a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ hu sɛ obiara benya dabere te sɛ akokoaa a ɔda ne mpa mu.
Ɛpa ne mpadua a ɛfata. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, tɔ ɛpa ne mpadua a ɛfata na atumi ama woanya anigye ne ahotɔ. Mpadua a akyɛ betumi ama ɛpa foforo a ɛda so no asɛe ntɛm.
Sɛnea ɛsom bo. Mpɛn pii no, mpa a wubenya no gyina sika a wubeyi so, enti fa sika a wowɔ no tɔ mpa pa.
Beae a wode mpa no besi. Sɛ beae a wode mpa no besi no sua a, eye sɛ wobɛtɔ mpa a wotumi de bɔ dan ho. Mpa foforo a wubetumi atɔ nso ne nea wɔde nsensan ahyɛ mu a wotumi da so wɔ baabiara no. Wotumi de nsensan yɛ mpa a wotumi tra mu sɛ akongua nso.
Nsɛnnennen a ɛfa akwahosan ho. Sɛ mpa a woda so no nye mma wo a, wubetumi atɔ nea wotumi sesa sɛnea ɛte na ama wɔanya beae a ɛfata ada no bi. Ɛpa a wɔde rɔba a nsu wom ahyehyɛ mu no boa obi a ne mu yɛ duru ma ne mogya bɔ yiye.
Wɔn a wɔn ho mpɛ nneɛma bi. Sɛ wo ho mpɛ mfuturu anaa nsensan a, ɛpa a wɔde amane ayɛ no bɛyɛ papa ama wo. Ɛsɛ sɛ wohyɛ no nsow nso sɛ nneɛma a ɛma obi tumi yare no ntumi nka mpa a wotumi de nsu hyɛ mu no mu ntɛmntɛm.
Nkwakoraa ne mmerewa. Hwɛ hu sɛ wo nan bɛka fam bere a wote wo mpa so no. Sɛ mpadua no yɛ den a, ɛrenyɛ den sɛ wobɛforo mpa no asi afiri so.
[Adaka wɔ kratafa 21]
Nyansahyɛ a Ebetumi Abɔ Wo Ho Ban
◼ Hyɛ atade a ogya ntumi no fa da.
◼ Hwɛ hu sɛ wode wo mpa asi faako a ogya nni.
◼ Hwɛ kuntu a anyinam ahoɔden tumi ma ɛyɛ hyew no sɛ ebia atetew, amoamoa kɛse, baabi ahyew, anaasɛ ebia elɛtrik nhama no ho baabi atew anaa. Ma kuntu a afɔw no ara nwo ansa na wode afura. Mfa ade biara a emu yɛ duru nsi mpa no so bere a wode kuntu a anyinam ahoɔden ma ɛyɛ hyew asɛ mpa no so no.
◼ Mfa nsu a ahuru ngu toa a wɔde nsuɔhyew gu mu mu, na saa ara na ɛnsɛ sɛ wode di dwuma bere a kuntu a elɛtrik ahoɔden nam mu sɛ mpa no so no. Yi ansa na woama wo ba akɔda so.
[Asɛm a Wɔahyehyɛ wɔ kratafa 21]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Nnuraho anaa mpamee
Mpamee a ɛte sɛ dɛnkyɛmmo
Mpamee nketenkete
Nea wɔde pɔtwom abobom
Nneɛma a wɔde dura mpa ho
Nnade a ɛhyehyɛ ɛpa mu
Foom
Dade a wɔakoakoa no
Nnade a wɔakoakoa no
Nnade a wɔatoatoa
[Asɛm Fibea]
Reproduced by courtesy of the Sleep Council
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 21]
Reproduced by courtesy of the Sleep Council