Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 2/8 kr. 21-23
  • Mfomso Bɛn na Ɛwom sɛ Mewia Sɔhwɛ Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mfomso Bɛn na Ɛwom sɛ Mewia Sɔhwɛ Mu?
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abɛɛfo Mfiri a Wɔde Wia Sɔhwɛ Mu
  • Dɛn Nti na Wowia Sɔhwɛ Mu?
  • Nnaadaasɛm a Ɛka Nkurɔfo Hɔ
  • Nwia Sɔhwɛ Mu!
  • Sɔhwɛ A Wowiawia—Dɛn Nti Na Ɛnsɛ Sɛ Meyɛ Saa?
    Nyan!—1986
  • Eye sɛ Wubewia Sɔhwɛ Mu Na Woatumi Atwa no Yiye?
    Nyan!—2012
  • Nokwaredi—So Ɛyɛ Su A Ɛho Wɔ Mfaso Ampa?
    Nyan!—1983
  • Mekyerɛw Nsɔhwɛ Na Mintwa a, Menyɛ Dɛn?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 2/8 kr. 21-23

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mfomso Bɛn na Ɛwom sɛ Mewia Sɔhwɛ Mu?

“Obiara nim sɛ enye sɛ obewia sɔhwɛ mu, nanso ne yɛ nyɛ den.”—Jimmy, wadi mfe 17.

SO WOATWE wo kɔn ahwɛ sukuuni bi krataa so pɛn bere a moreyɛ sɔhwɛ? Sɛ ɛte saa a, ɛnyɛ wo nko. Jenna, a ɔkɔ ntoaso sukuu ka sɛnea ne mfɛfo sukuufo pii wia sɔhwɛ mu a wɔmfɛre ho no ho asɛm. Ɔka sɛ: “Wɔhoahoa wɔn ho wɔ ɔkwan a wɔfa so wia sɔhwɛ mu no ho. Sɛ wohu sɛ wunwia sɔhwɛ mu a na wo ho yɛ wɔn nwonwa!”

Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ U.S. mu no, mmofra a wɔadu mpanyin afe so a na wodi wɔn mfɛfo sukuufo kan wɔ sɔhwɛ mu no mu ɔha mu 80 gye toom sɛ wowia sɔhwɛ mu, na wɔnkyeree saafo a “wɔbɔ mmɔden wɔ adesua mu” no mu ɔha mu 95 da. Bere a wɔyɛɛ adesuafo 20,000 ne akyiri a wɔkɔ mfinimfini ne ntoaso sukuu mu nhwehwɛmu wiei no, Josephson Abrabɔ Ho Nimdeɛ Asuae no de nhwehwɛmu no baa awiei sɛ: “Sɛ ɛba no nokwaredi ne ɔbrapa fam a, nneɛma sɛe ara na ɛkɔ so sɛe.” Sɛnea sukuufo wia sɔhwɛ mu pii no yɛ akyerɛkyerɛfo nwonwa! Sukuu kwankyerɛfo Gary J. Niels ka ma no kɔɔ akyiri mpo sɛ: “Wɔn a wonwia sɔhwɛ mu no na wosua.”

Sɛ ɛba no sukuu adesua mu a, awofo dodow no ara na wɔhwɛ kwan sɛ wɔn mma bedi nokware. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, mmofra pii nam sɔhwɛ mu a wowia so sɛe wɔn nokwaredi. Akwan foforo bɛn na wɔfa so? Dɛn nti na mmabun binom wia sɔhwɛ mu? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wokwati saa nneyɛe no?

Abɛɛfo Mfiri a Wɔde Wia Sɔhwɛ Mu

Obi a owia sɔhwɛ mu nnɛ no fa nnaadaa akwan biara a obenya so. Nokwarem no, sɛ wode wia a wowia obi wɔ adesua mu denam sukuu adesua a wɔkɔyɛ wɔ fie a wɔhwɛ obi de so kyerɛw bi anaasɛ sɔhwɛ mmuae a wɔde hyɛ wɔn ho kɔ sɔhwɛ dan mu no toto abɛɛfo mfiri a wɔde wia sɔhwɛ mu nnɛ no ho a, na ɛnsɛ hwee koraa. Nea ɛka abɛɛfo mfiri a wɔde wia sɔhwɛ mu nnɛ ho bi ne mfiri a ɛkyere kasa a etumi kyere sɔhwɛ mmuae a obi keka wɔ akyirikyiri baabi; mfiri a wɔde bu akontaa a wɔahyɛ da ayɛ no wɔ ɔkwan “soronko” so; mfoninitwa mfiri nketenkete a wotumi de sie atade mu a wotumi de nsɛmmisa fa so mena nea ɔreboa obi wɔ sɔhwɛ mu wɔ baabi; mfiri a osuani bi ne ne yɔnko sukuuni a ɔte bɛn no wɔ sɔhwɛ dan mu tumi de di nkitaho a obiara nte; ne Intanɛt so dwumadibea horow a ɛkame ayɛ sɛ ɛma wohu sukuuni bi mmɔdenbɔ wɔ adesua horow nyinaa mu wɔ asram abiɛsa mu!

Akyerɛkyerɛfo rebɔ mmɔden sɛ wobesiw wia a wowia sukuu adesua mu a ɛreyɛ hu no ano, nanso ne yɛ nna fam. Sɛ yɛbɛka a, ɛnyɛ osuani biara—anaasɛ ɔkyerɛkyerɛfo biara—na ogye nea wɔka ho asɛm sɛ nwiam no tom. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔde adesua dwumadi bi hyɛ adesuafo akuw bi nsa sɛ wɔnyɛ a, ɛyɛ den sɛ wubetumi akyerɛ sɛ wofi nokwaredi mu boom dii dwuma no anaasɛ wɔhyehyɛɛ nea wɔbɛka no ho. Afei ebinom wɔ hɔ a esiane sɛ wɔdɔɔso na wɔreyɛ nti wɔnyere wɔn ho na wɔma afoforo yɛ adwuma no ma wɔn. Yuji a ɔkɔ kɔlege ka sɛ: “Sukuufo yi binom wɔ hɔ a wɔyɛ anihawfo paa—wonsua hwee! Nanso wonya sɔhwɛ mu abasobɔde koro no ara a wɔn a wosua ade nya no bi. Misusuw sɛ ɛno nso yɛ nsisi!”

Dɛn Nti na Wowia Sɔhwɛ Mu?

Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe mu no, wohui sɛ ade a edi kan koraa a ɛma sukuufo pii wia sɔhwɛ mu no fi sua a wonsua ade. Sukuufo foforo nso ka sɛ, sɛ wɔhwɛ sɛnea obiara pɛ sɛ yehu sɛ ɔno na waben wɔ sukuu mu hɔ anaa sɛnea awofo hwehwɛ sɛ wɔbɛbɔ mmɔden atra so wɔ adesua mu no a, na biribiara nni hɔ a wobetumi ayɛ sɛ wobewia sɔhwɛ mu. Sam a wadi mfe 13 ka sɛ: “Nea m’awofo hwehwɛ ara ne sɛ metwa kɛse wɔ sɔhwɛ mu. Wobisa me sɛ: ‘Ahe na wunyae wɔ akontaa ho sɔhwɛ a woyɛe no mu? Ahe na wunyae wɔ Engiresi kasa ho sɔhwɛ a woyɛe no mu?’ Mikyi saa koraa!”

Wɔ ebinom fam nso, hyɛ a wɔhyɛ wɔn so daa sɛ wontwa kɛse wɔ sɔhwɛ mu no na ɛma wowia mu. The Private Life of the American Teenager nhoma no ka sɛ: “Biribi atõtõ ankasa wɔ wiase a emu nhyɛso ama abodin a wobenya wɔ nhomasua mu no apia anigye a ɛwɔ adesua mu no ato nkyɛn, ma ɛtɔ da bi mpo a wodi atoro de pɛ nkonim yi mu.” Sukuufo pii gye eyi tom. Anyɛ yiye koraa no, obiara nni hɔ a ɔpɛ sɛ odi nkogu wɔ sɔhwɛ biako mu, na kampɛsɛ nea ɔresua nyinaa mu. Jimmy a ɔkɔ ntoaso sukuu ka sɛ: “Ɛyɛ a na ebinom suro kɛkɛ sɛ wobedi nkogu wɔ sɔhwɛ mu. Sɛ wonim mmuae no mpo a wobewia mu de ahwɛ sɛ asɛm biara nni mmuae a wɔde ama no ho.”

Nnipa a wɔpɛ sɛ wobu wɔn ani gu nokwaredi ho gyinapɛn horow so no dodow nkutoo betumi ama sɔhwɛ mu a wowia ayɛ te sɛ nea asɛm biara nni ho. Na ɛtɔ mmere bi a ebetumi ayɛ te sɛ nea mfaso wɔ so. Greg a wadi mfe 17 no ka sɛ: “Mihuu abofra bi a me ne no gyina wɔ sukuu mu sɛ ɔrewia sɔhwɛ mu nnɛra. Bere a wɔde sɔhwɛ a yɛyɛe no ho mmuae baa nnɛ no, onyaa bi senee me.” Nnipa pii wɔ hɔ a sɛnea sɔhwɛ mu a wowia abu so no na ɛma wɔn nso yɛ bi. Yuji ka sɛ: “Asuafo binom te nka sɛ, ‘sɛ obiara reyɛ bi a ɛnde na ɛsɛ sɛ meyɛ bi.’” Nanso ɛte saa?

Nnaadaasɛm a Ɛka Nkurɔfo Hɔ

Fa sɔhwɛ mu a wowia toto korɔnbɔ ho hwɛ. So bɔ a nnipa pii bɔ korɔn no ma korɔnbɔ bɛyɛ biribi a wogye tom? Ebia wobɛka sɛ, ‘ɛnte saa koraa’—titiriw no sɛ ɛyɛ wo sika na obi awia a! Sɛ yewia sɔhwɛ mu a, na yɛregye anuonyam a ɛmfata yɛn—anaa mpo sɛ yɛregye wɔn a wodii nokware wɔ sɔhwɛ no mu no anuonyam. (Efesofo 4:28) Tommy a owiee ntoaso sukuu nnansa yi ara no ka sɛ: “Ɛnyɛ papa koraa. Woreka sɛ, ‘Minim biribi’ bere a ɛnte saa. Enti ɛyɛ atoro na woredi.” Wɔada Bible no adwene wɔ eyi ho adi fann wɔ Kolosefo 3:9: “Munnnidi atoro nnkyerɛkyerɛ mo ho.”

Sɔhwɛ mu a wowia betumi aka obi hɔ ma ɛbɛyɛ den sɛ obegyae. Jenna ka sɛ: “Wɔn a wowia sɔhwɛ mu no fa no sɛ ɛho nhia sɛ wobesua ade na wɔadi nkonim wɔ sɔhwɛ mu, enti nea wɔyɛ ara ne sɛ wobewia mu. Na sɛ wowie sukuu ba fie a, wonhu sɛnea wɔmmɔ wɔn bra.”

Nnyinasosɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Galatifo 6:7 no yɛ aniberesɛm: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” Ɔhaw horow a ebetumi afi sɔhwɛ mu a wobewia mu aba no bi ne w’ahonim a ɛbɛhaw wo, ahotoso a wo nnamfo bɛhwere wɔ wo mu, ne wo nhomanim a ɛbɛtɔ ape esiane sɛ wopoo adesua nti. Te sɛ kokoram a ekowie owu mu no, saa nnaadaa adwene yi betumi atrɛw aka w’asetra afã horow na ebetumi asɛe abusuabɔ a ɛsom bo ma wo no. Ne titiriw no, ɛbɛka wo ne Onyankopɔn a okyi nsisi no ntam abusuabɔ.—Mmebusɛm 11:1.

Wɔn a wɔde wɔn ho to sɔhwɛ mu a wowia so no redaadaa wɔn ho. (Mmebusɛm 12:19) Wɔnam wɔn nneyɛe so da wɔn ho adi te sɛ tete Yerusalem sodifo a na wɔaporɔw no: “Yɛde atoro ayɛ yɛn guankɔbea, na yɛde nnaadaa akata yɛn so.” (Yesaia 28:15) Nanso, ɛda adi sɛ, nea owia sɔhwɛ mu no ntumi mfa ne nneyɛe nsie Onyankopɔn.—Hebrifo 4:13.

Nwia Sɔhwɛ Mu!

Wɔ akwan pii so no mmabun bɔ mmɔden fa nyansakwan ahorow so ansa na wɔatumi awia sɔhwɛ mu—a sɛ wɔyeree wɔn ho suaa ade a anka ɛso bɛba wɔn mfaso kɛse. Sɛnea Abby a wadi mfe 18 ka no, “Sɛ wɔyere wɔn ho sua ade sɛnea wɔyɛ de wia sɔhwɛ mu no a, anka wɔbɛyɛ ade.”

Ɛwom sɛ nneɛma a epiapia obi sɛ onwia sɔhwɛ mu no mu betumi ayɛ den de. Nanso ɛsɛ sɛ wokwati subammɔne yi! (Mmebusɛm 2:10-15) Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Nea edi kan no, kae nea enti a wokɔ sukuu—sɛ worekosua ade. Ampa, ebetumi ayɛ sɛ nea mfaso biara nni so sɛ wubesua nneɛma pii a woremfa nni dwuma da no. Nanso sɛ obi kwati eyi denam sɔhwɛ mu a obewia so a, ɔbrɛ sɛnea anka obetumi asua nneɛma foforo ne ne nimdeɛ a ɔde bedi dwuma wɔ ɔkwampa so no ase. Nhumu ankasa a obi benya no mma kwa; egye mmɔdenbɔ. Bible no ka sɛ: “Tɔ nokware, na ntɔn—nyansa ne nteɛso ne nhumu nso.” (Mmebusɛm 23:23) Yiw, ɛsɛ sɛ wofa adesua ne ahosiesie aniberesɛm. Jimmy hyɛ nyansa sɛ: “Ɛsɛ sɛ wusua ade ansa na sɔhwɛ bere adu. Ɛno bɛma woanya ahotoso sɛ wunim mmuae no.”

Ɛyɛ ampa sɛ, ɛtɔ mmere bi a na wunnim mmuae no nyinaa, ma enti wuntumi ntwa kɛse. Nanso, sɛ woannyae nea woasi wo bo sɛ wobɛyɛ mu ansiesie a, wubetumi ahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woatu mpɔn.—Mmebusɛm 21:5.

Yuji, a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no yɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Ɔkyerɛkyerɛ nea ɔyɛ bere a ne mfɛfo sukuufo hyɛ no so sɛ ɔmmoa wɔn mma wonwia sɔhwɛ mu no mu, ɔka sɛ: “Nea edi kan koraa no—mema wohu sɛ meyɛ Ɔdansefo. Ɛno boa me kɛse efisɛ wonim sɛ Yehowa Adansefo yɛ anokwafo. Sɛ obi bisa me mmuae bi wɔ sɔhwɛ mu a, nea meka ne dabi. Afei mekyerɛkyerɛ nea enti a menyɛ saa no mu kyerɛ akyiri yi.”

Yuji gye asɛm a ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Hebrifo no tom: “Yɛpɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu.” (Hebrifo 13:18) Sɛ wobata nokwaredi gyinapɛn a ɛkorɔn ho na wokwati sɛ wubewia sɔhwɛ mu de agyae wo ho mu asiesie a, ɛma mmɔden a wobɔ wɔ sukuu sɔhwɛ mu no bɛyɛ nea ɛsom bo ankasa. Wode akyɛde a ɛsom bo paa a wubetumi de akyɛ w’awofo fi sukuu mu brɛ wɔn—Kristofo nokwaredi ho adanse. (3 Yohane 4) Afei nso, wokora ahonim pa so na wunya anigye efisɛ wuhu sɛ worema Yehowa Nyankopɔn koma atɔ ne yam.—Mmebusɛm 27:11.

Ɛno nti, ɛmfa ho sɛ sɔhwɛ mu a wowia abu so no, kwati! Wonam saayɛ so kora abusuabɔ pa a ɛda wo ne afoforo ntam no so, na nea ɛsen biara no, wo ne nokware Nyankopɔn, Yehowa, nya abusuabɔ pa.—Dwom 11:7; 31:5.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]

Mpɛn pii no obi a owia sɔhwɛ mu no nhu sɛ ɔrebɔ korɔn ankasa

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]

Mpɛn pii no, sɔhwɛ mu a wowia taa kowie atorodi a anibere wom mu

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 23]

Obi a owia sɔhwɛ mu no ntumi mfa ne nneyɛe no nsie Onyankopɔn

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Sɛ wusua ade yiye ansa na sɔhwɛ adu so a, wubenya ahotoso

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena