Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 9/14 kr. 4-7
  • Adwuma Ama Woayɛ Hahaaha?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adwuma Ama Woayɛ Hahaaha?
  • Nyan!—2014
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1. YƐ NEA ƐHIA ANSA NA WOAYƐ NEA ƐFATA.
  • 2. NYƐ AKƐSESƐM.
  • 3. KASA WO TIRI HO.
  • 4. PƐ BIRIBI GYEGYE W’ANI.
  • Ɔbrɛ Ntraso—Ebi Reyɛ Ato Wo?
    Nyan!—1995
  • Ɔbrɛ Ntraso—Wobɛyɛ Dɛn Agyina Ano?
    Nyan!—1995
  • Ɔbrɛ Ntraso—Hena na Ebetumi Aka No na Dɛn Ntia?
    Nyan!—1995
  • Mɛyɛ Dɛn Atew Ɔbrɛ Dodow So?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2014
g 9/14 kr. 4-7

ASƐM A ƐDA SO

Adwuma Ama Woayɛ Hahaaha?

Anil, adwuma ma ɔyɛɛ hahaaha

NÁ Anil abrɛ awu. Ná wanya adwuma foforo; anuonyam wom, na sika nso wom paa. Nanso afei deɛ, ɔyɛ adwuma fi anɔpa kɔsi anadwo dasuom; Memeneda ne Kwasida koraa, na ɔte adwumam. Ɛtɔ da mpo a, ɔde nnɔnhwerew 80 na ɛyɛ adwuma nnawɔtwe biara. Anil kae sɛ, “Obiara yɛ nea ɔpɛ wɔ adwumam hɔ; adwuma no nyinaa abɛda me so. Ɛyɛ a meka sɛ, ‘Ɛdeɛn na mayɛ yi? Sɛ mannyae adwuma yi a, mɛwu.’” Anokwa, adwuma no atwe Anil mu nsuo ama wayɛ hahaaha.

Ɛnyɛ brɛ nko na ɛma obi yɛ hahaaha wɔ adwumam. Saa nso na ɛnyɛ adwuma ho adwennwene nko ara na ɛma obi yɛ hahaaha. Sɛ obi brɛ boro so, n’anidaso nyinaa sa, anaa n’ano nnuru dwam a, ɛno nso ma ɔyɛ hahaaha. Sɛ obi yɛ hahaaha a, nea ɛba ara ne sɛ, ɔyi n’akoma fi n’adwuma so, biribiara mpusuw no mma ɔnyere ne ho nyɛ adwuma yiye. Nhwehwɛmu nso kyerɛ sɛ, sɛ obi yɛ hahaaha a, ɛsɛe n’anigye na ɛtumi bɔ no yare mpo.

Dɛn na ɛma obi yɛ hahaaha? Deɛ ɛtaa kɔfa ba paa ne adwumayɛ bebrebe. Ɛnnɛ sika ne adwuma ho ayɛ den, enti adwumawuranom bi hyɛ wɔn adwumayɛfo ma wɔtena adwumam kyɛ; nso wobɛhwɛ, ná sika ketewaa bi na wɔde ma wɔn. Tɛknɔlɔgyi nti, ɛnnɛ baabi a obi bɛkɔ biara na n’adwuma sã no. Wei nti wonhu bere a obi de yɛ adwuma ɛnne bere a ɔde yɛ ɔno ara ne nneɛma. Nnipa bi deɛ nea ɛma wɔyɛ hahaaha ni: wɔsuro sɛ yɛbɛyi wɔn adi adwumam, wɔnni ano wɔ adwumam, wɔhu sɛ yɛsisi wɔn, wɔne adwumamfo ntam nwo, wɔkɔ adwuma a wɔnhu nea wɔnni kan nyɛ.

Obi yɛ hahaaha a, ɛbɛtumi aba sɛ ɔno ara nso ka ho bi. Adwuma a ebinom de si wɔn ani so ne sika a wɔpɛ sɛ wɔnya pii nti, wobɛhwɛ na wɔde wɔn ti akɔhyɛ adwuma bebree mu. Sɛ nkurɔfo de nneɛma pii kyekyere wɔn ho saa a, ɛno nso bɛtumi ama wɔayɛ hahaaha.

Sɛ w’adwuma retwe wo mu ama woayɛ hahaaha a, dɛn na wobɛtumi ayɛ? Ɛbɛtumi aba sɛ sɛnea nneɛma te no, wosesa w’adwuma a ɛrenyɛ yiye. Nanso nneɛma nnan bi wɔ hɔ a ɛbɛtumi ate wo brɛ so. Ebia kwan foforo pii wɔ hɔ a ɛbɛtumi aboa wo nso wonnim.

1. YƐ NEA ƐHIA ANSA NA WOAYƐ NEA ƐFATA.

Abusua a wɔn ani agye

Dɛn na ɛhia wo paa? Ebia nnipa pii bɛka sɛ nea ɛhia wɔn paa ne wɔn abusua ne wɔn apɔwmuden. Nanso sɛ w’adwuma ama woayɛ hahaaha a, ɛbɛkyerɛ sɛ woabu w’ani agu w’abusua ne w’apɔwmuden so.

Sɛ woyɛ nea ɛhia ansa na woayɛ nea ɛfata a, ɛma wotumi de wo nan si fam wɔ nneɛma akɛse bi ho, na wohu nneɛma a wobɛtumi ayɛ ne nea wontumi nyɛ. Wo deɛ fa no sɛ adwuma retwe wo mu. Anhwɛ a nea wobɛka ne sɛ, ‘Mentumi nnyae adwuma; mentumi nte adwuma no so ɛfiri sɛ mehia sika!’ Ampa, obiara hia sika; nanso sika sɛn ara na wobɛnya, na ɛbɛka nneɛma a ɛhia wo paa no sɛn?

Obiara wɔ nea ɛhia no paa wɔ wiase, enti hwɛ yiye na woankɔdi obi akyi. Nea ɛhia w’adwumawura no, ebia ɛnyɛ ɛno na ɛhia wo. Ebinom wɔ hɔ a wɔn adwuma hia wɔn sen biribiara, nanso ɛnhia sɛ wodi wɔn akyi.

BIBLE AFOTUSƐM: “SƐ ONIPA NYA MA EBU SO MPO A, ƐNYƐ NNEƐMA A ƆWƆ NO MU NA NE NKWA FI.”​—LUKA 12:15

2. NYƐ AKƐSESƐM.

Aduan a ne bo nyɛ den

Nea ɛbɛyɛ a adwennwene mmɛtɔ wo so na woanya adaagye ayɛ nea ɛhia wo nti, wobɛtumi atew bere a wode yɛ adwuma so; wobɛtumi aka akyerɛ w’adwumawura sɛ ɔntew w’adwuma so; anaa wobɛtumi agyae adwuma no apɛ foforo. Gyinae biara a wobɛsi no, ɛbɛhia sɛ wohwɛ wo sika yiye na wotwitwa nneɛma bi fi w’abrabɔ mu. Wei nyɛ adeɛ a ɛboro so, na ɛnyɛ den sɛnea ebia w’adwene yɛ wo no.

Aman pii so no, aguadi ne nneɛma atotɔatotɔ na agye nkurɔfo adwene. Wote baabi a ɛte saa a, anhwɛ a wobɛnya adwene sɛ obi sika ne nneɛma a ɔwɔ na ɛma n’ani gye. Nanso ɛnte saa koraa. Sɛ woyɛ wo ho awiɛmfoɔ a, womfa nneɛma nkyekyere wo ho, na wo ho bɛtɔ wo. Nea yɛreka yi, wobɛtumi ayɛ a, gye sɛ wofiri ase sie sika na wogyae atotɔatotɔ. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mfirifiri nneɛma. Ɛho bɛhia nso sɛ wo ne w’abusua tena ase dwene ho ansa.

BIBLE AFOTUSƐM: “SƐ YƐWƆ YƐN ANO ADUAN NE NEA YƐDE KATA YƐN HO A, YƐBƐMA ƐNO ARA ADƆƆSO AMA YƐN.”​—1 TIMOTEO 6:8

3. KASA WO TIRI HO.

Sɛ wohu sɛ yɛasum adwuma agu wo so anaa biribi reteetee wo adwumam a, ɛne adwumawura nka ho asɛm. Sɛ wo ne w’adwumawura reka ho asɛm a, kyerɛ nneɛma a ɛbɛboa wo ne no nyinaa. Ma adwumawura no nhu sɛ womfa w’adwuma nni agorɔ. Kyerɛ no nea wobɛtumi ayɛ; nea wontumi nyɛ nso, ma no nhu. Sɛ worekyerɛ mu a, ma no nhu sɛ nea woreka no, w’ani abere.

Ɔbarima bi a ɔrehwɛ ne wɔɔkye

Kae sɛ woredi wo nkosua no, na worewe wo nkokɔmma. Hu sɛ wotew w’adwuma so a, w’akatua so bɛtew. Adwumawura bɛtumi ahunahuna wo sɛ ɔbɛyi wo adi, enti hu asɛm a wobɛka akyerɛ no. Kae sɛ, sɛ wokura adwuma mu na worehwehwɛ foforo a ɛnyɛ den sɛ wobɛnya bi.

Sɛ adwumawura pene so ma wotew w’adwuma so mpo a, kae sɛ ɔbɛtumi asan apia adwuma agu wo so. Ɛba saa a, wobɛyɛ dɛn de wo nan asi fam? Deɛ wokae sɛ wobɛyɛ no, hwɛ yɛ no yiye. Ɛbɛma woanya ahoɔden aka akyerɛ no sɛ ɔno nso mma nea ɔkae no nyɛ adwuma; adwuma dodow a ɔpenee so sɛ ɔde bɛma wo no, ɛno na ɔmfa mma wo.

BIBLE AFOTUSƐM: ‘MA WO YIW NYƐ YIW, NA WO DABI NYƐ DABI.’​—MATEO 5:37

4. PƐ BIRIBI GYEGYE W’ANI.

Sɛ wonni haw kɛse biara wɔ w’adwuma mu mpo a, adwennwene deɛ, wobɛnya wo so ne wo deɛ; wobɛhyia nnipa a wɔn asɛm yɛ den; wobɛhu nneɛma bi a wompɛ. Enti nya adaagye gye w’ahome na pɛ bere gye w’ani. Kae sɛ wonhia sika kɛse biara na wo ne w’abusua atumi agye mo ani.

Ɔbea bi redwodwo ne ho; ɔrekenkan ade

Mfa w’adwene nsi w’adwuma nko ara so; yɛ biribi a wode bɛgyegye w’ani na pɛ nnamfo. Hwɛ na woamfa w’adwuma anyɛ wo nyame. Adɛn ntia? Nhoma bi ka sɛ: “Wo ho hia koraa sen adwuma a woyɛ didi.” (Your Money or Your Life) Sɛ w’adwuma na ɛma wonya anuonyam a, ɛnde ɛbɛyɛ den sɛ wobɛyi w’adwene afi w’adwuma so.

BIBLE AFOTUSƐM: ‘ƆHOME NSA MÃ YE SEN ƆBRƐ NE ADEHUNU NSA MÃ MMIENU AKYIDI.’​—ƆSƐNKAFO 4:6

Nneɛma a yɛabobɔ so yi, wogye di sɛ wode yɛ adwuma a ɛbɛyɛ yiye? Aane, ɛbɛyɛ yiye. Yɛaka Anil ho asɛm dedaw; watumi de ayɛ adwuma ama ayɛ yiye. Ɔka sɛ: “Me ne m’adwumawura dedaw no kasae; mebisaa no sɛ ɔbɛsan afa me anaa? Ɔpenee so. Sɛnea medwaa m’anom sɛ merekɔyɛ “adwuma pa” no nti, na ɛyɛ me aniwu sɛ m’adwumamfo dedaw no bɛsan ahu me adwumam hɔ. M’akatua so tee paa, nanso menyaa asomdwoe na menyaa adaagye maa m’abusua de bi yɛɛ nneɛma a ɛhia me.”

ADWUMA MA WOYƐ HAHAAHA A, DƐN NA WOBƐYƐ?

Wayne ne Marie yɛ awarefo a obiara adi bɛyɛ mfe 30; wɔte United States.

Ɛyɛɛ dɛn na moyɛɛ hahaaha?

Wayne: Yɛbuebuee nnwuma pii, na yɛde yɛn ti kɔhyɛɛ ɛka kɛse mu. Ná mepɛ sɛ adwuma no mu trɛ na me ho tɔ me abrabɔ mu. Ná m’adwene ne sɛ ɛbɛduru baabi no mɛyɛ adwuma kakraa bi na manya sika pii. M’adwene yɛɛ me sɛ m’adwennwene so bɛte nanso adwennwene no bi na ɛbɛkaa ho.

Ɛkaa mo sɛn?

Wayne: Yɛhui sɛ nneɛma bi te sɛ, ntade a ɛyɛ fɛ, efie kɛse ne akwantu, weinom nyinaa mma nnipa ani nnye, nanso saa nneɛma yi na na yɛrebiri yɛn mogya ani apɛ. Ɛmaa meyɛɛ hahaaha na m’abam bui.

Marie: Meyaree. Ɛde akasakasa baa me ne me kunu ntam, na yɛn ntam yɛɛ basaa.

Moyɛɛ dɛn twitwaa nneɛma so?

Wayne: Botae a yɛde sisii yɛn ani so ne baabi a na ɛde yɛn rekɔ no, yɛsan dwenee ho bio. Yɛtee yɛn adwuma so. Ɔfese fɛfɛ bi a na mahane no, mesan de maa ne wura. Metɔn kar a mepɛ paa kɔtɔɔ ketewa. Mebuee adwuma a me nsa bɛso so, na mehyɛɛ da yɛɛ no korokorowa. Yɛtetee yɛn ka so, na yɛgyaee atotɔatotɔ.

Marie: Anyɛ den sɛ yɛbɛtwitwa nneɛma so sɛnea yɛn adwene yɛɛ yɛn no. Sɛnea na yɛdidi rɛstɔrant no, yɛtee so didii fie. Ná yɛtaa kɔtu mpasa, na ɛmaa yɛnyaa apɔwmuden. Ewiee ase no, na yɛyɛ adwuma kakraa bi. Yɛde yɛn adaagye boaa nkurɔfo.

Mfaso bɛn na moanya?

Marie: Seesei yɛnni sika akyi bio. Nneɛma a ɛhia paa no, ɛno na yɛde yɛn adwene di akyi, na yɛn ntam ayɛ yiye.

Wayne: Seesei yɛn ho hare yɛn. Yɛn ani gye paa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena