Yosua 24:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 “Enti afei monsuro Yehowa+ na momfa akoma kronn ne nokorɛdie+ nsom no. Na monto anyame a mo agyanom som wɔn asubɔnten kɛseɛ no agya ne Egypt no ngu,+ na monsom Yehowa. Hiob 28:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ,‘Hwɛ! Yehowa suro—ɛno ne nyansa,+Na bɔne ho fire ne nteaseɛ.’ ”+ Mmebusɛm 1:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Yehowa suro ne nimdeɛ mfitiaseɛ.+ Nkwaseafoɔ bu nyansa ne ntenesoɔ animtia.+ Yesaia 8:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Asafo Yehowa, ɔno na mommu no kronkron,+ ɔno na monsuro no,+ ɔno na mo ho mpopo wɔ n’anim.”+
14 “Enti afei monsuro Yehowa+ na momfa akoma kronn ne nokorɛdie+ nsom no. Na monto anyame a mo agyanom som wɔn asubɔnten kɛseɛ no agya ne Egypt no ngu,+ na monsom Yehowa.