Deuteronomium 28:37 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 37 Na Yehowa de wo kɔ aman no so a, wo ho bɛyɛ wɔn nwanwa,+ na wɔde wo bɛka asɛm+ asere adi wo ho fɛ wɔ hɔ nyinaa. Yeremia 18:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 na wɔn asase no ayɛ ahodwirideɛ+ ne adeɛ a wɔhwɛ bɔ hwerɛma daa.+ Obiara a ɔbɛtwam hɔ no de ahodwirie bɛhwɛ na wawoso ne ti.+ Kwadwom 2:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Wɔn a wɔtwam kwan so nyinaa bobɔ wɔn nsam+ gu wo so.Wɔabɔ hwerɛma+ awoso wɔn ti+ agu Yerusalem babaa so sɛ:“Kuro a anka wɔfrɛ no ‘Ahoɔfɛ a ɛwie pɛyɛ, asase nyinaa anika’ no nie?”+ Hesekiel 5:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Na amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no bɛbɔ wo ahohora+ atwa wo adapaa,+ na berɛ a mede abufuo abu wo atɛn na mede anibereɛ aka w’anim no,+ wobɛyɛ sɛnnahɔ+ ne ahodwirideɛ ama amanaman no. Me Yehowa na maka.
37 Na Yehowa de wo kɔ aman no so a, wo ho bɛyɛ wɔn nwanwa,+ na wɔde wo bɛka asɛm+ asere adi wo ho fɛ wɔ hɔ nyinaa.
16 na wɔn asase no ayɛ ahodwirideɛ+ ne adeɛ a wɔhwɛ bɔ hwerɛma daa.+ Obiara a ɔbɛtwam hɔ no de ahodwirie bɛhwɛ na wawoso ne ti.+
15 Wɔn a wɔtwam kwan so nyinaa bobɔ wɔn nsam+ gu wo so.Wɔabɔ hwerɛma+ awoso wɔn ti+ agu Yerusalem babaa so sɛ:“Kuro a anka wɔfrɛ no ‘Ahoɔfɛ a ɛwie pɛyɛ, asase nyinaa anika’ no nie?”+
15 Na amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no bɛbɔ wo ahohora+ atwa wo adapaa,+ na berɛ a mede abufuo abu wo atɛn na mede anibereɛ aka w’anim no,+ wobɛyɛ sɛnnahɔ+ ne ahodwirideɛ ama amanaman no. Me Yehowa na maka.