47 na wɔn ani ba wɔn ho so, asase a wɔde wɔn akɔyɛ nkoa+ wɔ hɔ no so, na wɔsan ba+ wo nkyɛn bɛkoto srɛ+ wo, asase a wɔakɔyɛ hɔ nkoa+ no so na wɔka sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne,+ yɛafom,+ na yɛadi amumuyɔsɛm,’+
9 Sɛ mosan ba me nkyɛn+ bɛhwɛ di+ me mmara nsɛm+ so a, ɛnneɛ sɛ wɔahwete mo akɔduru ɔsoro ano mpo a, mɛboa mo ano+ afiri hɔ de mo aba+ baabi a mayi sɛ me din ntena no.’+
13 Monsuane mo akoma mu,+ na ɛnyɛ mo ntadeɛ mu,+ na monsan mmra Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ,+ ne bo kyɛre fu+ na n’adɔeɛ dɔɔso,+ na amanehunu no nti, ɔbɛgyae mu ama no aka.+