Exodus 23:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 “Nnye adanmudeɛ, ɛfiri sɛ deɛ ɔhunu adeɛ yie mpo, adanmudeɛ tumi fira n’ani, na ɛma ɔteneneeni sesa n’ano.+ Numeri 22:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Hwɛ, mɛhyɛ wo animuonyam kɛse,+ na biribiara a wobɛka akyerɛ me no mɛyɛ.+ Enti mesrɛ wo bra bɛbɔ nkurɔfoɔ yi dua ma me.’” Atemmufoɔ 16:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Berɛ a Delila hunuu sɛ waka n’akomam nsɛm nyinaa akyerɛ no no, ntɛm ara na ɔsoma kɔfrɛɛ Filistifoɔ ahemfo+ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra, na waka n’akomam nsɛm nyinaa akyerɛ me.”+ Enti Filistifoɔ ahemfo no baa ne nkyɛn de sika no brɛɛ no.+ Mmebusɛm 17:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Ɔbɔnefoɔ bɛgye adanmudeɛ kokoam*+ de adane atemmuo ani.+ Ɔsɛnkafoɔ 7:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Nhyɛsoɔ tumi ma onyansafoɔ yɛ n’adeɛ sɛ bɔdamfoɔ,+ na akyɛdeɛ+ tumi sɛe akoma.+ Mateo 26:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 kɔkaa sɛ: “Ɛdeɛn na mobɛma me na mayi no ama mo?”+ Na wɔyɛɛ sɛ wɔbɛma no nnwetɛbena aduasa.+ 1 Timoteo 6:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Na sikanibereɛ+ yɛ bɔne nyinaa+ nhini,+ na ebinom adi akyire ama wɔayera afiri gyidie no ho de yea bebree awowɔ wɔn ho nyinaa.+
8 “Nnye adanmudeɛ, ɛfiri sɛ deɛ ɔhunu adeɛ yie mpo, adanmudeɛ tumi fira n’ani, na ɛma ɔteneneeni sesa n’ano.+
17 Hwɛ, mɛhyɛ wo animuonyam kɛse,+ na biribiara a wobɛka akyerɛ me no mɛyɛ.+ Enti mesrɛ wo bra bɛbɔ nkurɔfoɔ yi dua ma me.’”
18 Berɛ a Delila hunuu sɛ waka n’akomam nsɛm nyinaa akyerɛ no no, ntɛm ara na ɔsoma kɔfrɛɛ Filistifoɔ ahemfo+ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra, na waka n’akomam nsɛm nyinaa akyerɛ me.”+ Enti Filistifoɔ ahemfo no baa ne nkyɛn de sika no brɛɛ no.+
10 Na sikanibereɛ+ yɛ bɔne nyinaa+ nhini,+ na ebinom adi akyire ama wɔayera afiri gyidie no ho de yea bebree awowɔ wɔn ho nyinaa.+