3 Yeinom ne Filistifoɔ+ ahemfo+ nnum no ne Kanaanfoɔ+ nyinaa, ne Sidonfoɔ+ ne Hiwifoɔ+ a wɔte Bepɔ Lebanon+ soɔ, ɛfiri Bepɔ Baal-Hermon+ ho kɔsi Hamat no.+
5 Afei Filistifoɔ ahemfo+ no baa ɔbaa no nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Daadaa+ no na hunu dekodeɛ a n’ahoɔden kɛseɛ no firi mu, ne deɛ yɛde bɛnya no ne deɛ yɛde bɛkyekyere no adi ne soɔ. Na yɛn mu biara bɛma wo nnwetɛbena apem ne ɔha.”+
30 Na Samson kaa sɛ: “Me kra ne Filistifoɔ yi nwu.”+ Ɛnna ɔde n’ahoɔden nyinaa kuntunuu ne mu, na ɛdan no dwiri guu ahemfo no ne nnipa a wɔwɔ hɔ nyinaa so.+ Enti nnipa a ɔkum wɔn ne wuda dɔɔso sene wɔn a ɔkum wɔn ne nkwa nna mu.+
8 Enti wɔsoma kɔboaboaa Filistifoɔ ahemfo no nyinaa ano baa wɔn nkyɛn, na wɔbisaa sɛ: “Ɛdeɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn adaka no?” Ɛnna wɔkaa sɛ: “Momfa Israel Nyankopɔn adaka no nkɔ Gat.”+ Enti wɔde Israel Nyankopɔn adaka no kɔɔ hɔ.
4 Ɛnna wɔbisaa sɛ: “Asodie afɔdeɛ bɛn na yɛmfa nka ho nkɔma no?” Na wɔkaa sɛ: “Momfa sika kɔkɔɔ nyɛ kooko nnum ne sika mperenkensema nnum, sɛdeɛ Filistifoɔ ahemfo+ no dodoɔ teɛ, ɛfiri sɛ ɔhaw korɔ no ara na ɛwɔ mo nyinaa ne mo ahemfo soɔ.
19 Na Manase asefoɔ no bi dane kɔɔ Dawid afã berɛ a ɔne Filistifoɔ+ reba ne Saul abɛko no; nanso wammoa Filistifoɔ no, ɛfiri sɛ wɔn ahemfo+ tuu agyina pamoo no kaa sɛ: “Anhwɛ a ɔbɛsan akɔdi ne wura Saul akyi, na ɔde yɛn ti atwa so.”+