Genesis 36:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Na Esau ba Elifas faa Timna+ sɛ ne yefam, na akyire yi ɔwoo Amalek+ maa Elifas. Yeinom ne Esau yere Ada mma. Exodus 17:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Na Amalekfoɔ+ baa sɛ wɔne Israel rebɛko wɔ Refidim.+ Exodus 17:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Twerɛ yei wɔ nwoma no mu na ɛnyɛ nkaeɛ,+ na ma no nnuru Yosua asom sɛ, ‘Mɛpepa Amalekfoɔ, na wɔrenkae wɔn bio ɔsoro ase.’”+ Numeri 13:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Amalekfoɔ+ te Negeb+ asase so, na Hitifoɔ ne Yebusifoɔ+ ne Amorifoɔ+ te bepɔ so, na Kanaanfoɔ+ nso te mpoano ne Yordan ho.” 1 Samuel 15:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Deɛ asafo Yehowa+ aka nie, ‘Deɛ Amalek de yɛɛ Israel berɛ a wɔfiri Egypt reba, sɛ́ wɔsɔre tiaa no kwan mu+ no, mɛma wɔatua wɔn so ka.+ 2 Samuel 1:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 1 Na Saul wuo akyi a Dawid afiri adi akɔkunkum Amalekfoɔ+ aba no, Dawid san bɛtenaa Siklag+ nnanu. 1 Berɛsosɛm 4:43 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 43 Na wɔkunkum wɔn a wɔdwane firii Amalekfoɔ+ nsam kaeɛ no, na wɔtenaa hɔ de bɛsi nnɛ.
12 Na Esau ba Elifas faa Timna+ sɛ ne yefam, na akyire yi ɔwoo Amalek+ maa Elifas. Yeinom ne Esau yere Ada mma.
14 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Twerɛ yei wɔ nwoma no mu na ɛnyɛ nkaeɛ,+ na ma no nnuru Yosua asom sɛ, ‘Mɛpepa Amalekfoɔ, na wɔrenkae wɔn bio ɔsoro ase.’”+
29 Amalekfoɔ+ te Negeb+ asase so, na Hitifoɔ ne Yebusifoɔ+ ne Amorifoɔ+ te bepɔ so, na Kanaanfoɔ+ nso te mpoano ne Yordan ho.”
2 Deɛ asafo Yehowa+ aka nie, ‘Deɛ Amalek de yɛɛ Israel berɛ a wɔfiri Egypt reba, sɛ́ wɔsɔre tiaa no kwan mu+ no, mɛma wɔatua wɔn so ka.+