7 N’ahennie+ mu bɛtrɛ na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ+ bɛba Dawid ahennwa+ so ne n’ahennie so, na ɔde atɛntenenee+ ne tenenee+ bɛwowa+ n’ahennie ama no atim firi sɛsɛɛ akɔsi daa. Asafo Yehowa nnamyɛ na ɛbɛyɛ yei.+
44 “Na ahemfo no nna no mu no,+ ɔsoro Nyankopɔn+ bɛma ahennie bi so.+ Wɔrensɛe no da,+ na wɔrennya ahennie no mma ɔman foforɔ biara.+ Ɛbɛbubu ahennie hodoɔ no nyinaa ama no asã,+ na ɛno deɛ, ɛbɛgyina daa;+