Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Berɛsosɛm 15:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Na Dawid ka kyerɛɛ Lewifoɔ atitire no sɛ wɔmma wɔn nuanom nnwontofoɔ+ no mfa wɔn nnwontoɔ nneɛma+ mmɛgyinagyina wɔn gyinabea na wɔmfa nto dwom dendeenden mma anigyeɛ mmra, asankuo ahodoɔ+ nyinaa bi, ne nnawuta.+

  • 1 Berɛsosɛm 16:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Na ɔyii Lewifoɔ+ no bi sɛ wɔnsom+ Yehowa adaka no anim, na wɔnkaekae+ Yehowa, Israel Nyankopɔn no nnwuma, na wɔnna no ase+ nyi no ayɛ;+

  • 1 Berɛsosɛm 23:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Na wɔkan Lewifoɔ a wɔadi mfeɛ aduasa rekorɔ no;+ mmarima a wɔkan wɔn mmaako mmaako no dodoɔ yɛ mpem aduasa nwɔtwe.

  • 1 Berɛsosɛm 25:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 25 Bio nso, Dawid ne mpanimfoɔ+ a wɔdeda akuo no ano+ no yii Asaf, Heman+ ne Yedutan+ a wɔde asankuo+ ne asankuten+ ne nnawuta+ hyɛ nkɔm no asefoɔ no bi sɛ wɔmmɛsom. Na wɔn mu na wɔyii mmarima maa wɔyɛɛ ɔsom adwuma.

  • 2 Berɛsosɛm 29:25
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 25 Saa berɛ no nyinaa na wama Lewifoɔ+ no abɛgyinagyina Yehowa fie hɔ, na wɔkurakura nnawuta,+ asankuo+ ne asankuten+ sɛdeɛ Dawid+ ne ɔhene dehunufoɔ Gad+ ne odiyifoɔ Natan+ hyɛeɛ no, ɛfiri sɛ Yehowa nam n’adiyifoɔ no so na ɛhyɛeɛ.+

  • Esra 3:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Berɛ a adansifoɔ no too Yehowa asɔrefie no fapem+ wieeɛ no, asɔfoɔ a wɔahyehyɛ wɔn ntadeɛ+ kurakura ntotorobɛnto+ ne Lewifoɔ, Asaf+ mma, a wɔkurakura nnawuta+ no sɔree sɛ wɔrebɛyi Yehowa ayɛ sɛdeɛ na Israel hene Dawid akyerɛ+ no.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane