Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Ahemfo 18:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Yehowa, Israel Nyankopɔn so na ɔde ne ho toeɛ;+ n’akyi no, obiara amma sɛ ɔno, Yuda ahemfo mu,+ na obiara anni n’anim saa.+

  • 1 Berɛsosɛm 5:20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 20 Wɔboaa wɔn ɛko no mu, enti wɔdii Hagrifoɔ ne wɔn a wɔka wɔn ho nyinaa so nkonim, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na wɔsu frɛɛ no+ ɛko no mu, na wɔde wɔn ho too ne so, enti ɔtiee wɔn.+

  • 2 Berɛsosɛm 16:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 Etiopiafoɔ+ ne Libiafoɔ+ no, na wɔnyɛ asraafoɔdɔm kɛseɛ paa a wɔwɔ nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ pii anaa?+ Na berɛ a wode wo ho too Yehowa soɔ no, wamfa wɔn anhyɛ wo nsa?+

  • Dwom 22:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  5 Wo na wɔteaam frɛɛ woɔ,+ na wogyee wɔn;+

      Wo na wɔde wɔn ho too wo soɔ, na wɔn ani anwu.+

  • Dwom 37:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  5 Fa wo kwan hyɛ Yehowa nsa,+

      Na fa wo ho to ne so,+ na ɔno na ɔbɛyɛ.+

  • Dwom 146:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  5 Anigyeɛ ne onipa a Yakob Nyankopɔn yɛ ne boafoɔ;+

      Deɛ n’ani da Yehowa, ne Nyankopɔn soɔ;+

  • Nahum 1:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Yehowa yɛ,+ na ɔyɛ abandenden+ wɔ ahohia berɛ mu.+

      Na ɔnim wɔn a wɔdwane toa no.+

  • 1 Timoteo 4:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Yei nti na yɛyɛ adwumaden na yɛyere yɛn ho,+ ɛfiri sɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefoɔ no so;+ ɔno na ɔyɛ nnipa nyinaa+ Agyenkwa,+ ne titire no anokwafoɔ.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane