Dwom 8:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Onipa+ ne hwan a wokae no,+Na ɔdasani ne hwan a wohwɛ no?+ Dwom 11:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Yehowa wɔ n’asɔrefie kronkron no mu.+Yehowa deɛ, n’ahennwa wɔ soro.+N’ani tua biribiara, n’aniwa na ɔde pɛɛpɛɛ nnipa mma mu.+ Dwom 33:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Ɔte ne tenabea+Hwɛ wɔn a wɔtete asase soɔ nyinaa. Dwom 102:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Yehowa firi ne kronkronbea a ɛwɔ soro hɔ hwɛ,+Ɔfiri sorosoro hɔ hwɛ asase so,+ Yeremia 16:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 M’ani hunu wɔn akwan nyinaa. Ɛnhunta me, na wɔn bɔne nso, ɛso nkataeɛ m’anim.+ Yeremia 23:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 “Anaa obi bɛtumi ahunta huntabea a merenhu no?”+ Yehowa asɛm nie. “Menhyɛɛ ɔsoro ne asase nyinaa mã?”+ Yehowa asɛm nie.
4 Yehowa wɔ n’asɔrefie kronkron no mu.+Yehowa deɛ, n’ahennwa wɔ soro.+N’ani tua biribiara, n’aniwa na ɔde pɛɛpɛɛ nnipa mma mu.+
24 “Anaa obi bɛtumi ahunta huntabea a merenhu no?”+ Yehowa asɛm nie. “Menhyɛɛ ɔsoro ne asase nyinaa mã?”+ Yehowa asɛm nie.