Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 11:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Nanso asase a morekɔfa yi yɛ mmepɔ+ ne mmɔnka asase a ɛnom nyankonsuo.

  • Hiob 38:37
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 37 Hwan na ɔbɛtumi de nyansa akan mununkum pɛpɛɛpɛ,

      Na ɔbɛtumi ahwie ɔsoro nkuruwa mu nsuo,+

  • Dwom 147:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  8 Ɔno na ɔde mununkum kata ɔsoro,+

      Na ɔsiesie osuo ma asase,+

      Ɔno na ɔma serɛ mono fifi mmepɔ soɔ.+

  • Yeremia 10:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Sɛ ɔma ne nne so a, nsuo bobom wɔ soro,+ na ɔma suwisie firi asase ano nohoa foro kɔ.+ Wayiyi akwan ama osuo,+ na ɔde mframa firi n’asan mu ba.+

  • Amos 9:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 “‘Deɛ ɔyɛ n’atwedeɛ wɔ soro+ na ɔde ne dan tim asase atifi,+ deɛ ɔfrɛ po+ mu nsuo hwie gu asase soɔ no+—Yehowa ne ne din.’+

  • Sakaria 10:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 “Monsrɛ Yehowa na ɔmma nsuo+ ntɔ wɔ sutɔberɛ mu.+ Yehowa na ɔyɛ mununkum+ na ɔno na ɔma nsuo tɔ ma wɔn,+ na wɔn nyinaa nya mfuo mu nnuane.+

  • Mateo 5:45
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 45 na moakyerɛ sɛ moyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma,+ ɛfiri sɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so na ɔma nsuo tɔ gu ateneneefoɔ ne abɔnefoɔ so.+

  • Asomafoɔ Nnwuma 14:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 nanso nokorɛm no, wannyae ne ho adansedie ɛfiri sɛ ɔyɛɛ papa,+ maa mo nsuo+ firii soro ne mmerɛ a aduane ba, na ɔde aduane ne abotɔyam hyɛɛ mo akoma mã.”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane