Atemmufoɔ 6:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Ɛnna Yoas+ ka kyerɛɛ nnipa a wɔbaa ne soɔ no nyinaa sɛ:+ “Mo na mobɛdi Baal asɛm ama no, anaa mo na mobɛgye no? Deɛ ɔbɛka Baal asɛm ama no no, wɔnku no anɔpa yi ara.+ Sɛ ɔyɛ Onyankopɔn+ na obi abubu n’afɔrebukyia a, momma ɔno ara nka n’asɛm.”+ 1 Samuel 24:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Yehowa bɛyɛ ɔtemmufoɔ na wabu me ne wo ntam atɛn, na ɔbɛhunu na wadi m’asɛm+ ama me na wabu me atɛn ayi me afiri wo nsam.” Dwom 35:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 O Yehowa, wo ne m’atamfo nni mma me;+Wo ne wɔn a wɔne me ko no nko.+ Dwom 43:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 43 Onyankopɔn, bu me atɛn,+Na ɔman a wɔnka nokorɛ no, wo ne wɔn nni mma me.+Gye me firi nkontomponi ne omumuyɛfoɔ nsam.+ Mmebusɛm 22:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Yehowa bɛdi wɔn asɛm ama wɔn,+ na wɔn a wɔsisi ahiafoɔ no, Ɔbɛgye wɔn kra afiri wɔn nsam.+ Mmebusɛm 23:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Wɔn Gyefoɔ no ho yɛ den; ɔno na ɔne wo bɛdi ama wɔn.+ Yeremia 50:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 Wɔn Gyefoɔ no ho yɛ den,+ na asafo Yehowa ne ne din.+ Di na ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn+ na wama asase no ahome,+ na wahyɛ Babilonfoɔ ahometeɛ.”+ Kwadwom 3:59 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 59 O Yehowa, woahunu bɔne a wɔde ayɛ me.+ Mesrɛ wo, di m’asɛm ma me.+ Mika 7:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Mayɛ Yehowa bɔne,+ enti mɛsoa n’abufuo akɔsi sɛ ɔbɛdi m’asɛm ama me na wabu atɛn ama me.+ Ɔde me bɛba hann mu ama mahunu ne tenenee.+
31 Ɛnna Yoas+ ka kyerɛɛ nnipa a wɔbaa ne soɔ no nyinaa sɛ:+ “Mo na mobɛdi Baal asɛm ama no, anaa mo na mobɛgye no? Deɛ ɔbɛka Baal asɛm ama no no, wɔnku no anɔpa yi ara.+ Sɛ ɔyɛ Onyankopɔn+ na obi abubu n’afɔrebukyia a, momma ɔno ara nka n’asɛm.”+
15 Yehowa bɛyɛ ɔtemmufoɔ na wabu me ne wo ntam atɛn, na ɔbɛhunu na wadi m’asɛm+ ama me na wabu me atɛn ayi me afiri wo nsam.”
43 Onyankopɔn, bu me atɛn,+Na ɔman a wɔnka nokorɛ no, wo ne wɔn nni mma me.+Gye me firi nkontomponi ne omumuyɛfoɔ nsam.+
34 Wɔn Gyefoɔ no ho yɛ den,+ na asafo Yehowa ne ne din.+ Di na ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn+ na wama asase no ahome,+ na wahyɛ Babilonfoɔ ahometeɛ.”+
9 Mayɛ Yehowa bɔne,+ enti mɛsoa n’abufuo akɔsi sɛ ɔbɛdi m’asɛm ama me na wabu atɛn ama me.+ Ɔde me bɛba hann mu ama mahunu ne tenenee.+