Leviticus 20:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 “‘Obiara a ɔbɛdome ne papa anaa ne maame+ no, wɔnku no.+ Ne papa ne ne maame na wadome wɔn, enti ɔno ara ne mogya bɛgu ne tiri so.+ Deuteronomium 27:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 “‘Nnome nka deɛ ɔbɛbu ne papa anaa ne maame animtia.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’) Mmebusɛm 17:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Ɔba kwasea hyɛ ne papa ahometeɛ,+ na ɔma ne maame di awerɛhoɔ.+ Mmebusɛm 20:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Obiara a ɔdome ne papa ne ne maame+ no, ne kanea bɛdum esum mu.+ Mmebusɛm 23:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Tie wo papa, ɔno na ɔwoo woɔ,+ na mmu wo maame animtia sɛ wayɛ aberewa nti.+ Mmebusɛm 30:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔdome wɔn papa, na wɔnhyira wɔn maame nso.+ Mmebusɛm 30:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Aniwa a ɛdi ne papa ho fɛ na ɛbu ne maame asɛm tie animtia+ no—asuo ho kwaakwaadabi bɛtutu na ɔkɔdeɛ mma adi. Mika 7:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Na ɔbabarima bu ne papa animtia, ɔbabaa sɔre tia ne maame,+ asew sɔre tia n’asebaa.+ Obi fiefoɔ yɛ n’atamfo.+ 2 Timoteo 3:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Ɛfiri sɛ nnipa bɛyɛ ahopɛ, sikanibereɛ, ahohoahoa, ahantan, wɔn a wɔka abususɛm, awofoɔ so asoɔdenfoɔ,+ bonniayɛfoɔ, wɔn a wɔnni nokorɛ,+
9 “‘Obiara a ɔbɛdome ne papa anaa ne maame+ no, wɔnku no.+ Ne papa ne ne maame na wadome wɔn, enti ɔno ara ne mogya bɛgu ne tiri so.+
17 Aniwa a ɛdi ne papa ho fɛ na ɛbu ne maame asɛm tie animtia+ no—asuo ho kwaakwaadabi bɛtutu na ɔkɔdeɛ mma adi.
6 Na ɔbabarima bu ne papa animtia, ɔbabaa sɔre tia ne maame,+ asew sɔre tia n’asebaa.+ Obi fiefoɔ yɛ n’atamfo.+
2 Ɛfiri sɛ nnipa bɛyɛ ahopɛ, sikanibereɛ, ahohoahoa, ahantan, wɔn a wɔka abususɛm, awofoɔ so asoɔdenfoɔ,+ bonniayɛfoɔ, wɔn a wɔnni nokorɛ,+