Leviticus 19:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 “‘Monhwɛ na moammu atɛnkyea. Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnyɛ animhwɛ,+ na monnni mmma onipa titire.+ Momfa atɛmpa mmu mo yɔnko atɛn. Deuteronomium 1:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Monnhwɛ nnipa anim atemmuo mu.+ Montie deɛ ɔsua sɛdeɛ motie deɛ ɔsõ no ara.+ Monnsuro onipa anim,+ na Onyankopɔn na ɔbu atɛn.+ Na sɛ asɛm a emu yɛ duro bi sɔre a, momfa mmrɛ me na menni.’+ Deuteronomium 16:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Mmu atɛnkyea.+ Nhwɛ nnipa anim,+ na nnye adanmudeɛ, ɛfiri sɛ adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani,+ na ɛtumi ma ateneneefoɔ sesa wɔn ano. 2 Berɛsosɛm 19:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Afei monsuro+ Yehowa,+ na momfa ahwɛyie nyɛ adwuma no,+ ɛfiri sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn nyɛ bɔne,+ ɔnhwɛ nnipa anim,+ na ɔnnye adanmudeɛ.”+ 1 Timoteo 5:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Mehyɛ wo Onyankopɔn ne Kristo Yesu+ ne abɔfoɔ a wɔayi wɔn no anim sɛ di yeinom ho dwuma a womfa ahoperɛ mmu atɛn, na womfa animhwɛ+ nyɛ biribiara. Yakobo 2:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 ɛnkyerɛ sɛ mpaepaemu wɔ mo mu+ na moabɛyɛ atemmufoɔ+ a mobu atɛnkyea anaa?+ 1 Petro 1:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Bio nso, sɛ mofrɛ Agya a ɔnhwɛ nnipa anim+ na ɔbu atɛn sɛdeɛ obiara adwuma teɛ no a, momfa osuro+ mmɔ mo bra berɛ a mode te ase sɛ ahɔhoɔ no.+
15 “‘Monhwɛ na moammu atɛnkyea. Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnyɛ animhwɛ,+ na monnni mmma onipa titire.+ Momfa atɛmpa mmu mo yɔnko atɛn.
17 Monnhwɛ nnipa anim atemmuo mu.+ Montie deɛ ɔsua sɛdeɛ motie deɛ ɔsõ no ara.+ Monnsuro onipa anim,+ na Onyankopɔn na ɔbu atɛn.+ Na sɛ asɛm a emu yɛ duro bi sɔre a, momfa mmrɛ me na menni.’+
19 Mmu atɛnkyea.+ Nhwɛ nnipa anim,+ na nnye adanmudeɛ, ɛfiri sɛ adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani,+ na ɛtumi ma ateneneefoɔ sesa wɔn ano.
7 Afei monsuro+ Yehowa,+ na momfa ahwɛyie nyɛ adwuma no,+ ɛfiri sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn nyɛ bɔne,+ ɔnhwɛ nnipa anim,+ na ɔnnye adanmudeɛ.”+
21 Mehyɛ wo Onyankopɔn ne Kristo Yesu+ ne abɔfoɔ a wɔayi wɔn no anim sɛ di yeinom ho dwuma a womfa ahoperɛ mmu atɛn, na womfa animhwɛ+ nyɛ biribiara.
17 Bio nso, sɛ mofrɛ Agya a ɔnhwɛ nnipa anim+ na ɔbu atɛn sɛdeɛ obiara adwuma teɛ no a, momfa osuro+ mmɔ mo bra berɛ a mode te ase sɛ ahɔhoɔ no.+