1 Samuel 13:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Enti mesee me ho sɛ,+ ‘Filistifoɔ yi bɛsiane aba me so wɔ Gilgal, nanso menhwehwɛɛ Yehowa anim adom.’ Enti mehyɛɛ me ho+ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.” 1 Samuel 15:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Ɛnna Samuel kaa sɛ: “Yehowa pɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ne ayɛyɛdeɛ sene ɔsetie a wɔbɛyɛ ama Yehowa anaa? Hwɛ! Ɔsetie+ yɛ sene afɔdeɛ,+ na asoyɛ kyɛn adwennini sradeɛ,+ Mmebusɛm 21:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Abɔnefoɔ afɔrebɔ yɛ akyiwadeɛ.+ Na sɛ ahohwibra+ bata ho de a, ɛnyɛ koraa. Yesaia 1:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Monnkɔ so mmfa aduane mmmɛbɔ afɔdeɛ hunu wɔ m’anim bio.+ Aduhwam nso, mekyiri koraa.+ Modi bosome foforɔ+ ne homeda,+ na mobɔ dwa,+ nanso menni asumansɛm+ ne nhyiamu titire no ho akoma. Hosea 6:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Mepɛ adɔeɛ,+ na ɛnyɛ afɔrebɔ;+ Onyankopɔn ho nimdeɛ, na ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.+
12 Enti mesee me ho sɛ,+ ‘Filistifoɔ yi bɛsiane aba me so wɔ Gilgal, nanso menhwehwɛɛ Yehowa anim adom.’ Enti mehyɛɛ me ho+ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.”
22 Ɛnna Samuel kaa sɛ: “Yehowa pɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ne ayɛyɛdeɛ sene ɔsetie a wɔbɛyɛ ama Yehowa anaa? Hwɛ! Ɔsetie+ yɛ sene afɔdeɛ,+ na asoyɛ kyɛn adwennini sradeɛ,+
13 Monnkɔ so mmfa aduane mmmɛbɔ afɔdeɛ hunu wɔ m’anim bio.+ Aduhwam nso, mekyiri koraa.+ Modi bosome foforɔ+ ne homeda,+ na mobɔ dwa,+ nanso menni asumansɛm+ ne nhyiamu titire no ho akoma.