Mmebusɛm 13:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Onitefoɔ yɛ n’adeɛ nimdeɛ mu,+ na ɔkwasea trɛ nkwaseasɛm mu.+ Mmebusɛm 18:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɔkwasea ano na ɛsɛe no,+ na n’anom asɛm sum ne kra fidie.+ Mmebusɛm 29:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Ɔkwasea yi n’abufuo nyinaa adi, na onyansafoɔ dwodwo ne deɛ kɔsi aseɛ.+ Ɔsɛnkafoɔ 5:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Nneɛma a nnipa dwene ho pii na ɛde adaeɛso ba,+ na nsɛm bebrebe na ɛma wɔte ɔkwasea nne.+