Yesaia 48:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 “Ampa, wonteeɛ,+ na wonnim, na ɛfiri tete w’aso mmueeɛ. Menim sɛ nkontomposɛm+ ara na wodie, na wɔfrɛ wo ‘mmaratofoɔ firi yafunu mu.’+ Yeremia 5:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Na nkontompo na Israel fie ne Yuda fie atwa me,” Yehowa asɛm nie.+ Hosea 5:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Wɔatwa Yehowa nkontompo,+ na wɔawowo mma ananafoɔ.+ Enti bosome baako bɛmene wɔne wɔn agyapadeɛ nyinaa.+ Hosea 6:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Nanso wɔabu apam no so+ te sɛ ɔdasani, na ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo.+ Malaki 2:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Yuda atwa nkontompo, na wɔayɛ akyiwadeɛ wɔ Israel ne Yerusalem.+ Yuda agu Yehowa kronkronyɛ a n’ani kũ ho no ho fĩ,+ na wakɔware ananafoɔ nyame bi babaa.+
8 “Ampa, wonteeɛ,+ na wonnim, na ɛfiri tete w’aso mmueeɛ. Menim sɛ nkontomposɛm+ ara na wodie, na wɔfrɛ wo ‘mmaratofoɔ firi yafunu mu.’+
7 Wɔatwa Yehowa nkontompo,+ na wɔawowo mma ananafoɔ.+ Enti bosome baako bɛmene wɔne wɔn agyapadeɛ nyinaa.+
11 Yuda atwa nkontompo, na wɔayɛ akyiwadeɛ wɔ Israel ne Yerusalem.+ Yuda agu Yehowa kronkronyɛ a n’ani kũ ho no ho fĩ,+ na wakɔware ananafoɔ nyame bi babaa.+